Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 10:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔbarima bi wɔ Kaesarea a ne din de Kornelio; ɔyɛ asraafokuw a wɔfrɛ no Italia de no mu ha so panyin.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔbarima bi wɔ Kaesarea a ne din de Kornelio; ɔyɛ asraafokuo a wɔfrɛ no Italia deɛ no mu ɔha so panin.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔbarima bi tenaa Kaesarea a ne din de Kornelio. Na ɔyɛ Roma asraafo bi a wɔn din de Italia Asraafodɔm no so panyin.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔbarima bi wɔ Kaesarea a ne din de Kornelio; ɔyɛ asraafokuo a wɔfrɛ no Italia deɛ no mu ɔha so panin.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔbarima bi tenaa Kaesarea a ne din de Kornelio. Na ɔyɛ Roma asraafoɔ bi a wɔn din de Italia Asraafodɔm no so panin.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔbarima bi wɔ Kaesarea a ne din de Kornelio; ɔyɛ asraafokuw a wɔfrɛ no Italia de no mu ha so panyin.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 10:1
19 Iomraidhean Croise  

Ɛnna amrado no asraafo de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔmaa asraafokuw no nyinaa behyiae n’anim.


Na asraafo ha so panyin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no huu asasewosow ne nneɛma a esisii no, wosuroe pii kae sɛ: Ampa ara Onyame ba ni!


Na asraafo no de no kɔɔ amrado aban no adiwo hɔ, na wɔfrɛɛ asraafokuw no nyinaa hyiae.


Na asraafo ha so panyin bi akoa a ɔsom bo ma no yare, na ɔreyɛ awu.


Ɛnna asraafokuw ne wɔn safohene ne Yudafo asomfo no soo Yesu mu, na wɔkyekyeree no,


Ɛnna Yuda de asraafokuw ne asomfo a wofi asɔfo mpanyin ne Farisifo no nkyɛn baa hɔ; wokurakura agyatɛn, akanea ne akode.


Na ade kyee no, woduu Kaesarea; na Kornelio afrɛfrɛ n’abusuafo ne ne nnamfo a wɔbɛn no ahyia retwɛn.


Na wɔrehwehwɛ akum no no, asɛm no koduu asraafo apem so safohene no asom sɛ Yerusalem nyinaa ayɛ sakasaka.


Na ade kyee no, yefi hɔ baa Kaesarea; na yɛkɔɔ ɔsɛmpakafo Filipo a ɔka baasɔn no ho fi kɔtenaa ne nkyɛn.


Na wɔde nhama kyekyeree no no, Paulo bisaa ɔha so panyin a ogyina hɔ no sɛ: Mowɔ ho kwan sɛ moka onipa a ɔyɛ Romani na wommuu no fɔ mpire anaa?


Na ɔfrɛɛ asraafo ha so mpanyin no mu baanu bi kae sɛ: Munsiesie asraafo ahanu apɔnkɔfo aduɔsɔn, ne peawkurafo ahanu, anadwo bɛyɛ nnɔnkron bere mu mma Kaesare.


Na wɔn de, woduu Kaesarea na woyii nhoma no maa amrado no, wɔde Paulo nso kogyinaa n’anim.


Na afei Festo baa ne man a odi so amrado no mu, na nnansa akyi no, ofi Kaesarea kɔɔ Yerusalem.


Na nna bi twaam no, ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bekyiaa Festo.


Na wosii gyinae sɛ yɛnkɔ Italia no, woyii Paulo ne apokyerɛfo bi maa asraafo ha so panyin bi a ne din de Yulio a ofi Augustan asraafo kuw mu.


Paulo ka kyerɛɛ asraafo ha so panyin ne asraafo no sɛ: Sɛ eyinom antena hyɛn yi mu de a, morennya nkwa.


Nanso asraafo ha so panyin no pɛ sɛ ogye Paulo nti, wamma wɔanyɛ nea wosusuwii no, na ɔhyɛe sɛ wɔn a wobetumi aguare mfa wɔn ho ngu po mu kan nsi fam.


Na Filipo de, okofii Asoto; na ɔretwam no, ɔkaa asɛmpa no nkurow no nyinaa mu de kosii sɛ oduu Kaesarea.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan