Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 1:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔne wɔn hyiae no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wommfi Yerusalem nnkɔ, na mmom wɔntwɛn Agya no bɔhyɛ a ose: Mote fii m’anom no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔne wɔn hyiaeɛ no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmmfiri Yerusalem nnkɔ, na mmom wɔntwɛn Agya no bɔhyɛ a ɔse: Mote firii m’anomu no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Da bi a ɔne wɔn redidi no ɔhyɛɛ wɔn se, “Mummfi Yerusalem, na montwɛn akyɛde a mʼAgya ahyɛ mo ho bɔ a maka ho asɛm akyerɛ mo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔne wɔn hyiaeɛ no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmmfiri Yerusalem nnkɔ, na mmom wɔntwɛn Agya no bɔhyɛ a ɔse: Mote firii m’anomu no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛda bi a ɔne wɔn redidi no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Mommfiri Yerusalem, na montwɛn akyɛdeɛ a mʼAgya ahyɛ mo ho bɔ a maka ho asɛm akyerɛ mo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔne wɔn hyiae no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wommfi Yerusalem nnkɔ, na mmom wɔntwɛn Agya no bɔhyɛ a ose: Mote fii m’anom no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 1:4
14 Iomraidhean Croise  

na sɛ nnanu, sɛ ɔsram, sɛ nna bebree, na omununkum no di tenabea no so a esi so ara a, Israelfo no tena nsram na wontu; na sɛ ɛma ne ho so a, na wotu.


Na ɛnyɛ mo na mokasa, na mo agya honhom no na ɔkasa mo mu.


Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea mode nnepa ma mo mma a, mpɛn ahe ara na mo agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wobisa no?


efisɛ dɔn no ara mu na Honhom Kronkron bɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ moka.


Na hwɛ, meresoma m’agya bɔhyɛ no maba mo so; enti montena kurow no mu nkosi sɛ wɔbɛma mo ahoɔden afi soro.


Na me de, mebisa agya no, na wama mo Okyigyinafo foforo, na ɔne mo abɛtena daa:


Na Okyigyinafo a mɛsoma no mabrɛ mo afi Agya no nkyɛn, nokware Honhom a ofi Agya no nkyɛn reba no, sɛ onya ba a, ɔno na obedi me ho adanse;


Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na osee wɔn sɛ: Munnye Honhom Kronkron!


Na eyi de, ɔkae Honhom a wɔn a wogye no di rebenya no ho; na Honhom no nnya mmae, efisɛ wonnya nhyɛɛ Yesu anuonyam.


ɛnyɛ ɔman no nyinaa, na mmom adansefo a Onyankopɔn ayi wɔn ato hɔ dedaw no, ɛne yɛn a ne sɔre a ɔsɔre fii awufo mu no akyi no, yɛne no didii na yɛnomee;


Afei wɔmaa no so kɔɔ Onyankopɔn nifa, na onyaa Agya no nkyɛn Honhom Kronkron bɔhyɛ no nti na wahwie nea muhu na mote yi agu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan