Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 7:3 - KYERƐW KRONKRON

3 AWURADE sakraa n’adwene eyi ho: Ɛrenyɛ hɔ! AWURADE na ose.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 AWURADE sakyeraa n’adwene yei ho: Ɛrenyɛ hɔ! AWURADE na ɔseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛno nti, Awurade bo dwoe. Na ogyaee nʼatirimpɔw no. Ɔkae se, “Merenyɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 AWURADE sakyeraa n’adwene yei ho: Ɛrenyɛ hɔ! AWURADE na ɔseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛno enti, Awurade bo dwooɛ. Na ɔgyaee nʼatirimpɔ no. Ɔkaa sɛ, “Merenyɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 AWURADE sakraa n’adwene eyi ho: Ɛrenyɛ hɔ! AWURADE na ose.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 7:3
16 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE kae sɛ: Mɛpopa nnipa a mabɔ wɔn no mafi asase ani, efi onipa so kosi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne wim nnomaa so, efisɛ manu me ho sɛ meyɛɛ wɔn.


Na Onyankopɔn somaa ɔbɔfo kɔɔ Yerusalem sɛ ɔnkɔsɛe hɔ. Na ɔresɛe hɔ no, AWURADE hwɛe, na onuu ne ho bɔne no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔresɛe hɔ no sɛ: Adɔɔso afei, pono wo nsa. Nso na AWURADE bɔfo no gyina Yebusini Ornan awiporowbea ho.


Na ɔkaee n’apam maa wɔn, na n’adɔe dodow nti ɔyɛɛ timmɔbɔ.


Na ɔno de, ɔyɛ timmɔbɔ nti, ɔkataa wɔn amumɔyɛ so, na wansɛe wɔn; na ɔtaa sianka n’abufuw, na wanhwanyan n’awerɛhow nyinaa.


AWURADE, san w’akyi, ɛno, da bɛn ara? Na ma wo nkoa ade nyɛ wo mmɔbɔ.


Na AWURADE nuu ne ho wɔ bɔne a ɔkae sɛ ɔrebɛyɛ ne man no ho.


So okum na Yuda hene Hesekia ne Yuda nyinaa kum no anaa? So ɛnyɛ AWURADE na osuroo no, na ɔkotɔ srɛɛ AWURADE, na AWURADE nso nuu ne ho bɔne a ɔka guu wɔn so no ho? Na yɛn de, yɛreyɛ bɔne kɛse atia yɛn kra yi?


Sɛ mobɛtena asase yi so a, ɛnne mesi mo, na merennwiriw, na medua mo, na merentutu mo, efisɛ manu me ho, bɔne a meyɛɛ mo no ho.


Anka meyi wo mama sɛ dɛn, O! Efraim, na magyaa wo mu dɛn ara, A! Israel! Anka meyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim! Me koma adan wɔ me mu, Yiw! Mmɔborohunu agye me yam nyinaa.


Munsunsuane mo koma, na ɛnyɛ mo ntade mu, na monsan mmra AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn, na ɔyɛ ɔdomfo ne mmɔborohunufo, ne bo kyɛ fuw, na n’adɔe so, na ɔsakra n’adwene adebɔne ho.


Ebia, obi nnim, ɔbɛsakra n’adwene, na wagyaw n’akyi nhyira, a ɛyɛ aduan ayɛyɛde ne ahwiesa a wɔde bɛkyɛ AWURADE mo Nyankopɔn.


Montan bɔne na monnɔ papa, na momma atɛmpa ntim kurow apon mu; ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn, behu Yosef nkae no mmɔbɔ.


AWURADE sakraa n’adwene eyi ho; eyi nso renyɛ hɔ! AWURADE Nyankopɔn na ose.


Na Onyankopɔn huu wɔn nneyɛe, sɛ wɔasan afi wɔn akwammɔne no so, na ɔsakraa n’adwene wɔ bɔne a ɔkae sɛ ɔde bɛyɛ wɔn no ho, na wanyɛ.


Na AWURADE bebu ne man atɛn, na ne nkoa ade bɛyɛ no mmɔbɔ, bere a obehu sɛ wɔagurow koraa, na akoa anaa ɔdehye nni hɔ bio.


Monkeka mo mfomso nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na munyiyi mpae mmoma mo ho mo ho, na wɔasa mo yare. Onipa trenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ ade bebree.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan