Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 8:9 - KYERƐW KRONKRON

9 na abɔde a ɛwɔ nkwa wɔ po mu no mu nkyɛm abiɛsa mu biako wuwui, na ahyɛn nkyɛm abiɛsa mu biako nso sɛee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 na abɔdeɛ a ɛwɔ nkwa wɔ po mu no mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako wuwui, na ahyɛn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako nso sɛee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na abɔde a ɛwɔ nkwa a ɛwɔ po no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako wuwui, na ahyɛn mu nkyɛmu abiɛsa mu baako bobɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 na abɔdeɛ a ɛwɔ nkwa wɔ po mu no mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako wuwui, na ahyɛn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako nso sɛee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na abɔdeɛ a ɛwɔ nkwa a ɛwɔ ɛpo no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wuwuiɛ maa ahyɛn mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bobɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 na abɔde a ɛwɔ nkwa wɔ po mu no mu nkyɛm abiɛsa mu biako wuwui, na ahyɛn nkyɛm abiɛsa mu biako nso sɛee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 8:9
13 Iomraidhean Croise  

Wode Apuei mframa bobɔɔ Tarsis ahyɛn.


Na mpataa a ɛwɔ asu no mu wuwui, na asu no bɔnee, na Misraimfo antumi annom asu no mu nsu, na mogya kataa Misraim asase nyinaa so.


ne Tarsis ahyɛn nyinaa ne ahwɛde a ɛyɛ fɛ nyinaa so.


Tiro ho atemmusɛm. Mo Tarsis ahyɛn, muntwa adwo, na wɔasɛe Tiro abandennen no, ofi nni hɔ bio, obi nkɔ hɔ bio! Efi Kitim asase so na woyi kyerɛ wɔn.


Na wobetwitwa asase no nyinaa so nkyɛmu abien ma adwerɛw, nkyɛmu a ɛto so abiɛsa no, wobegyaw wɔ so, Awurade asɛm ni.


Na mede nkyɛmu a ɛto so abiɛsa no mɛfa ogya mu, na manan wɔn sɛ wɔnan dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛ woyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mebua wɔn; mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: Awurade me Nyankopɔn!


Na ɔde ne dua twee ɔsoro nsoromma nkyɛm abiɛsa mu biako, na ɔtotow guu asase so. Na ɔtweaseɛ no begyinaa ɔbea a ɔrebɛwo no anim, na sɛ ɔwo a, wamene ne ba no.


Na nea ɔto so abien no hwiee ne kuruwa no guu po mu. Na ɛdan sɛ owufo mogya, na ɛpo no mu nyinaa mmoa nyinaa wuwui.


Na ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no hyɛnee. Na nsoromma kɛse bi a ɛredɛw sɛ ogyatɛn fi soro hwee fam, na ɛbɛhwee nsubɔnten nkyɛm abiɛsa mu biako ne nsu aniwa so.


Na ɔbɔfo a ɔto so anan no hyɛnee ne torobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyɛm abiɛsa mu biako ne ɔsram nkyɛm abiɛsa mu biako ne nsoromma nkyɛm abiɛsa mu biako, na nkyɛm a ɛto so abiɛsa no duduruu sum, na adekyee mu nkyɛm abiɛsa mu biako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.


Na nea odi kan no hyɛnee. Na amparuwbo ne ogya a ɛne mogya adi afra bae, na wɔtow guu asase so. Na asase nkyɛm abiɛsa mu biako hyewee, na nnua nkyɛm abiɛsa mu biako nso hyewee, na nwura momono nyinaa nso hyewee.


Na wɔsansan abɔfo baanan a wɔasiesie wɔn ama ɛdɔn ne ɛda ne ɔsram ne afe sɛ wonkunkum nnipa nkyɛm abiɛsa no mu biako.


Wɔnam ɔhaw abiɛsa yi so de gya ne wusiw ne sufre a efifi wɔn anom no so kunkum nnipa nkyɛm abiɛsa mu biako.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan