Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 8:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔbɔfo foforo ba begyinaa afɔremuka no ho, okura sika huam kuruwa, na wɔmaa no nnuhuam pii, sɛ ɔmfa nka ahotefo nyinaa mpaebɔ ho, sika afɔremuka a esi ahengua no anim no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔbɔfoɔ foforɔ ba bɛgyinaa afɔrebukyia no ho, ɔkura sika hwam kuruwa, na wɔmaa no nnuhwam pii, sɛ ɔmfa nka ahotefoɔ nyinaa mpaebɔ ho, sika afɔrebukyia a ɛsi ahennwa no anim no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔbɔfo foforo a na ɔwɔ sikakɔkɔɔ aduhuam adaka begyinaa afɔremuka no ho. Wɔmaa no aduhuam bebree sɛ ɔmfa mmɔ mpae nka Onyankopɔn nkurɔfo no de ho, na ɔmmɔ sikakɔkɔɔ a esi ahengua no anim no so afɔre.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔbɔfoɔ foforɔ ba bɛgyinaa afɔrebukyia no ho, ɔkura sika hwam kuruwa, na wɔmaa no nnuhwam pii, sɛ ɔmfa nka ahotefoɔ nyinaa mpaebɔ ho, sika afɔrebukyia a ɛsi ahennwa no anim no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔbɔfoɔ foforɔ a na ɔwɔ sikakɔkɔɔ aduhwam adaka bɛgyinaa afɔrebukyia no ho. Wɔmaa no aduhwam bebree sɛ ɔmfa mmɔ mpaeɛ nka Onyankopɔn nkurɔfoɔ no deɛ ho, na ɔmmɔ sikakɔkɔɔ a ɛsi ahennwa no anim no so afɔdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔbɔfo foforo ba begyinaa afɔremuka no ho, okura sika huam kuruwa, na wɔmaa no nnuhuam pii, sɛ ɔmfa nka ahotefo nyinaa mpaebɔ ho, sika afɔremuka a esi ahengua no anim no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 8:3
32 Iomraidhean Croise  

ne nsanka ne adumgya ne nkora ne nsankawa ne nso kukuwa no, sika ara nko; na ɔdan no mufam kronkronkronbea hɔ apon ne asɔredan apon no mmofunnua nso yɛ sika.


Ma me mpaebɔ mmesi w’anim sɛ ohuam, me nsa soma sɛ anwummere ayɛyɛde.


Na ɔde sika afɔremuka no sii ahyiae ntamadan no mu, ntwamu mmɔhɔɔ no anim;


Ɛnna Serafim no mu biako tu baa me nkyɛn, okura nsramma a ɔde dabaw kɔfae afɔremuka no so;


Afɔremuka no yɛ dua, ne korɔn basafa biako ne fa, na ne ntwemu basafa baako, na ne twea ne ne nnyinaso ne n’afasu yɛ dua; na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyi ne ɔpon a esi AWURADE anim.


Mihuu AWURADE sɛ ogyina afɔremuka no ho, na ɔkae sɛ: Bɔ atifi pɔw no ma apongua nwosow, na buruw gu wɔn nyinaa atifi! Na akyirikafo no, mede afoa mekunkum wɔn; oguanfo renguan mma wɔn, na mfimufo remfi mu mma wɔn.


Na efi owia apuei de kosi n’atɔe no me din yɛ kɛse amanaman mu, na wɔhyew aduhuam bɔ afɔre ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛde a ɛho tew ba; na me din yɛ kɛse amanaman mu, asafo Awurade na ose.


Na wɔmfa bibitama ntrɛw sika afɔremuka no so, na wɔmfa sukraman nhoma nkataso nkata ho, na wɔmfa ne mpoma nwurawura mu.


sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;


Na ɔrehyew no, na nnipakuw no nyinaa gyina adiwo rebɔ mpae.


hena ne nea obu fɔ? Kristo Yesu ne nea owui na mpo wanyan, na ɔte Nyankopɔn nifa nso, nanso odi ma yɛn.


Saa nti, obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn.


Ɛwɔ sika aduhuamhyew muka ne apam adaka a wɔde sika adura ho nyinaa, a sika pɔre a mana wɔ mu ne Aaron poma a ɛfefɛwee ne apam abopon no wɔ mu.


Na mihuu ɔbɔfo foforo ahoɔdenfo bi sɛ ofi soro baa fam, na ofura omununkum, na nyankontɔn wɔ ne ti so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.


Na ɔbɔfo foforo a ɔwɔ ogya so tumi fii afɔremuka no mu de nne kɛse teɛɛm kyerɛɛ nea okura kantankrankyi nnamnam no sɛ: Tow wo kantankrankyi nnamnam no twitwa asase so bobe akasiaw, efisɛ n’aba no abere.


Na ogyee nhoma no no, ateasefo baanan no ne mpanyimfo aduonu anan no hwehwee oguammaa no anim, wɔn nyinaa kurakura asanku ne sika ayowa a ohuam ayɛ no mama a ɛyɛ ahotefo mpaebɔ no.


Na ɔtew nsɔano a ɛto so anum no ano no, mihuu wɔn a Onyankopɔn asɛm ne wɔn adanse a wodii no nti wɔakunkum wɔn no akra afɔremuka no ase.


Na mihuu ɔbɔfo foforo a okura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano sɛ ofi owia apuei reba, na ɔde nne kɛse teɛɛm kyerɛɛ abɔfo baanan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnhaw asase ne ɛpo no


Na nnuhuam no wusiw kaa ahotefo mpaebɔ ho fi ɔbɔfo no nsam foro kɔɔ Onyankopɔn anim.


Na ɔbɔfo no faa ohuam kuruwa no de afɔremuka no so gya bi hyɛɛ mu ma, na ɔtow guu asase so. Na aprannaa ne nne horow ne anyinam ne asasewosow bae.


Na ɔbɔfo a ɔto so asia no hyɛnn ne torobɛnto. Na metee nne biako a efi sika afɔremuka a esi Nyankopɔn anim no mmɛn anan no mu


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan