Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 4:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na nea ɔte so no, wohwɛ no a, ɔte sɛ ahwehwɛbo ne bogyanambo, na nyankontɔn a wohwɛ a, ɛte sɛ ahabammonobo atwa ahengua no ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na deɛ ɔte soɔ no, wohwɛ no a, ɔte sɛ ahwehwɛboɔ ne bogyanamboɔ, na nyankontɔn a wohwɛ a, ɛte sɛ ahahammonoboɔ atwa ahennwa no ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na nʼanim hyerɛn te sɛ ahwehwɛbo ne bogyanambo. Na nyankontɔn a ɛte sɛ ahabammonobo atwa ahengua no ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na deɛ ɔte soɔ no, wohwɛ no a, ɔte sɛ ahwehwɛboɔ ne bogyanamboɔ, na nyankontɔn a wohwɛ a, ɛte sɛ ahahammonoboɔ atwa ahennwa no ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na nʼanim hyerɛn te sɛ ahwehwɛboɔ ne mogyanamboɔ. Na nyankontɔn a ɛte sɛ ahahammonoboɔ atwa ahennwa no ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na nea ɔte so no, wohwɛ no a, ɔte sɛ ahwehwɛbo ne bogyanambo, na nyankontɔn a wohwɛ a, ɛte sɛ ahabammonobo atwa ahengua no ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 4:3
13 Iomraidhean Croise  

Na wohuu Israel Nyankopɔn no; na ne nan ase te sɛ ade a wɔde hoa bo a emu tew ayɛ, na ne hanahana te sɛ ɔsoro pa ara.


na kyerɛpɛn a ɛto so abien no nyɛ nsramabo, hoabo ne bɔwerɛbo;


na kyerɛpɛn a ɛto so abien yɛ nsrama bo, hoa bo ne bɔwerɛ bo;


Afe a ɔhene Usia wui no mu no, mihuu Awurade sɛ ɔte agua a ɛkorɔn a wɔama so so, na n’atade mmuano ayɛ asɔrefi ma.


Na ntrɛwmu a ɛwɔ wɔn atifi no so no te sɛ hoabo ahengua sɛso, na ahengua no sɛso so na obi a ɔte sɛ onipa sɛso te wɔ soro.


sɛ nyankontɔn a ɛwɔ omununkum mu osutɔ da te no, saa ara na ɔhyerɛn a etwa ho hyia no te. Ɛno ne AWURADE anuonyam sɛso no tebea. Na mihui no, mehwee ase mede m’anim mibutuw fam, na metee ɛnne a ɛrekasa.


Na mihui, na hwɛ, ntrɛwmu a ɛwɔ Kerubim no atifi no so biribi te sɛ hoabo a wɔhwɛ a, ne suban ne ne tebea te sɛ ahengua sɛso.


Onyankopɔn turo Eden mu na wote, aboɔden abo nyinaa yɛ wo nkataho, bogyanambo, akaratebo ne bɔwerɛbo, sikaberebo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo, hoabo, nsramabo ne ahabammono bo ne sika; wo mpintin ne wo bɔmmaa ɔsom wɔ w’anim, ɛda a wɔbɔɔ wo no na wosiesiei.


Na mihuu ɔbɔfo foforo ahoɔdenfo bi sɛ ofi soro baa fam, na ofura omununkum, na nyankontɔn wɔ ne ti so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.


Ekura Onyankopɔn anuonyam. Nea ɛmaa no hyerɛn no te sɛ ɔbo a ne bo yɛ den papa, te sɛ ahwehwɛbo a emu tew sɛ ahwehwɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan