Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 4:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ntɛm ara na mewɔ honhom mu. Na hwɛ, wɔde ahengua asi soro, na obi te ahengua no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ntɛm ara na mewɔ Honhom mu. Na hwɛ, wɔde ahennwa asi soro, na obi te ahennwa no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Prɛko pɛ, na Honhom no faa me. Na ahengua bi si ɔsoro hɔ a obi te so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ntɛm ara na mewɔ Honhom mu. Na hwɛ, wɔde ahennwa asi soro, na obi te ahennwa no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Prɛko pɛ, na Honhom no faa me. Na ahennwa bi si ɔsoro hɔ a obi te so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ntɛm ara na mewɔ honhom mu. Na hwɛ, wɔde ahengua asi soro, na obi te ahengua no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 4:2
28 Iomraidhean Croise  

Ɛnna ɔkae sɛ: Enti tie AWURADE asɛm: Mahu AWURADE sɛ ɔte n’agua so, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum.


AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron mu, AWURADE ahengua wɔ ɔsoro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛw kari wɔn hwɛ.


Afe a ɔhene Usia wui no mu no, mihuu Awurade sɛ ɔte agua a ɛkorɔn a wɔama so so, na n’atade mmuano ayɛ asɔrefi ma.


Anuonyam ahengua a esi sorɔnsorɔn so fi teteete ne yɛn kronkronbea:


Na ntrɛwmu a ɛwɔ wɔn atifi no so no te sɛ hoabo ahengua sɛso, na ahengua no sɛso so na obi a ɔte sɛ onipa sɛso te wɔ soro.


sɛ nyankontɔn a ɛwɔ omununkum mu osutɔ da te no, saa ara na ɔhyerɛn a etwa ho hyia no te. Ɛno ne AWURADE anuonyam sɛso no tebea. Na mihui no, mehwee ase mede m’anim mibutuw fam, na metee ɛnne a ɛrekasa.


Na mihui, na hwɛ, ntrɛwmu a ɛwɔ Kerubim no atifi no so biribi te sɛ hoabo a wɔhwɛ a, ne suban ne ne tebea te sɛ ahengua sɛso.


Mede hwɛ ara kosii sɛ wosisii agua, na obi a ne nna akyɛ bɛtenaa ase, n’atade hoa sɛ nsukyerɛma, na ne ti nwi hoa sɛ oguanten nwi fitafitaa; n’agua ogyaframa ara nko, ne ntwahonan ogya a ɛrefram;


Obisaa wɔn sɛ: Na afei adɛn na Dawid nam honhom mu frɛ no owura ka sɛ:


Na nsɛm a yɛreka yi mu titiriw ni: Yɛwɔ saa ɔsɔfo panyin a wakɔtena tumi kɛse ahengua no nifa, ɔsoro


Mewɔ honhom mu, Awurade da no, na metee nne kɛse bi wɔ m’akyi sɛ torobɛnto


Na ɔwoo ɔbabanin a ɔde dade poma bedi amanaman nyinaa so. Na wɔfaa ne ba no de no kɔɔ Onyankopɔn ne n’ahengua no nkyɛn.


Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ sare so. Na mihuu ɔbea bi a ɔte aboa kɔkɔɔ a abususɛm din ahyɛ no ma na ɔwɔ ti ason ne mmɛn du so.


Na mpanyimfo aduonu anan ne ateasefo baanan no kotow sɔree Nyankopɔn a ɔte ahengua no so no se: Amen, Haleluia!


Na mihuu ahengua fitaa kokuroo ne nea ɔte so a asase ne ɔsoro guan n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ bepɔw kɛse tenten bi so, na ɔkyerɛɛ me kurow kronkron Yerusalem no sɛ efi soro Onyankopɔn nkyɛn resian.


Na nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ, meyɛ nneɛma nyinaa foforo. Na ose: Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.


Nea odi nkunim no, mɛma ɔne me atena m’ahengua so, sɛnea me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahengua so no.


mpanyimfo aduonu anan no hwehwe nea ɔte ahengua no so no anim ase, na wɔkotow nea ɔte ase daa daa no, na woyiyi wɔn abotiri no gu ahengua no anim to dwom sɛ:


Na anyinam ne ɛnne horow ne aprannaa fi ahengua no mu fii adi, na ogya akanea ason a ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason no redɛw ahengua no anim.


Na sɛ ateasefo no de anuonyam ne nidi ne aseda ma nea ɔte ahengua no so a ɔte ase daa daa no a,


Na mihuu nhoma bi wɔ nea ɔte ahengua no so no nifa mu a wɔakyerɛw emu ne akyiri, na wɔde nsɔano ason asosɔ ano.


Na abɔde a ɛwɔ ɔsoro ne asase so ne asase ase ne ɛpo so ne nea ɛwɔ mu nyinaa, de nne kɛse to dwom sɛ: Nhyira ne nidi ne anuonyam ne tumi nka nea ɔte ahengua no so ne oguammaa no daa daa.


Na wɔka kyerɛɛ mmepɔw ne abotan no sɛ: Monhwe yɛn so mfa yɛn nhintaw mfi nea ɔte ahengua no so no ne oguammaa no abufuw ho,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan