Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 3:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Enti kae sɛnea woanya na woate, na di so, na sakra w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifo, na worenhu dɔn ko a mɛba wo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Enti kae sɛdeɛ woanya na woateɛ na di so, na sakyera w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifoɔ, na worenhunu dɔn ko a mɛba wo soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Kae nea wɔkyerɛɛ wo no ne sɛnea wotee no. Di so na twe wo ho fi wo bɔne ho. Sɛ woankanyan wo ho a, mɛba wo so sɛ ɔkorɔmfo, na worenhu bere ko a mɛba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Enti kae sɛdeɛ woanya na woateɛ na di so, na sakyera w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifoɔ, na worenhunu dɔn ko a mɛba wo soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Kae deɛ wɔkyerɛɛ wo no ne sɛdeɛ woteeɛ no. Di so na twe wo ho firi wo bɔne ho. Sɛ woankanyane wo ho a, mɛba wo so sɛ ɔkorɔmfoɔ, na worenhunu ɛberɛ ko a mɛba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Enti kae sɛnea woanya na woate, na di so, na sakra w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifo, na worenhu dɔn ko a mɛba wo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 3:3
24 Iomraidhean Croise  

na ɛhɔ na mobɛkae mo akwan ne mo nneyɛe a mode guu me ho fi no nyinaa, na mo ho ayɛ mo nwini, mo ani so, mo bɔne a moyɛe no nyinaa nti.


Ɛno na mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛe a enye no, na mo amumɔyɛ ne mo akyide no nti, mo ho ayɛ mo nwini, mo anim.


Enti monwɛn, na munnim da anaa dɔn ko no, (a Onipa Ba no reba.)


Monhwɛ yiye, monwɛn na mommɔ mpae! Na munnim da ko a bere no du.


na wammefi mo mpofirim ammehu mo sɛ moadeda.


Efisɛ mo ankasa munim yiye sɛ Awurade da no bɛba sɛ owifo ba anadwo.


O Timoteo, hwɛ nea wɔde ahyɛ wo nsa no so; twe wo ho fi nsɛnhuhuw a ɛho ntew, ne nimdeɛ a wɔboa frɛ no saa no akyinnyesɛm no ho.


So nsɛm pa a eye a wotee me nkyɛn no nhwɛso no mu yiye, gyidi ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu no mu.


Eyi nti ɛsɛ sɛ yeso nneɛma a yɛate no mu den ma no boro so, na yɛamfi ho da bi.


Nanso mibu no sɛ ɛteɛ sɛ mete ntamadan yi mu yi, mede nkae mekanyan mo,


Adɔfo, eyi ne nhoma a ɛto so abien a merekyerɛw mabrɛ mo. Emu na mede nkae mekanyan mo adwene gyenennyenen,


Na Awurade da no bɛba sɛ owifo ba. Emu na ɔsoro de kukurududu betwam akɔ, na ewim mfitiasede bɛhyew asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhyew.


(Hwɛ, mereba sɛ owifo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, na wannantew adagyaw mu, na wɔanhu ne kwaterekwa).


Nanso nea mowɔ no, munso mu dennen nkosi sɛ mɛba.


Enti kae nea wufi hwee ase, na sakra w’adwene, na yɛ kan nnwuma no! Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabeyi wo kaneadua mafi ne sibea, gye sɛ wosakra w’adwene.


Na hwɛ, mereba ntɛm. Nhyira ne nea okura nhoma yi mu adiyisɛm mu.


Mereba ntɛm; so nea wowɔ no mu, na obi annye w’abotiri.


Dodow a medɔ wɔn no, miyi wɔn ntɛn na metwe wɔn aso; enti bɔ mmɔden na sakra w’adwene!


Nyan, na hyɛ nkae a ɛrebewu no den. Na manhu wo nnwuma sɛ ɛyɛ pɛ me Nyankopɔn anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan