Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 16:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na nea ɔto so abien no hwiee ne kuruwa no guu po mu. Na ɛdan sɛ owufo mogya, na ɛpo no mu nyinaa mmoa nyinaa wuwui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na deɛ ɔtɔ so mmienu no hwiee ne kuruwa no guu po mu. Na ɛdanee sɛ owufoɔ mogya, na ɛpo no mu mmoa nyinaa wuwuiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔbɔfo a ɔto so abien no hwiee ne kuruwa mu abufuw guu po mu. Nsu no dan sɛ owufo mogya, na abɔde biara a nkwa wɔ mu wɔ po no mu no wui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na deɛ ɔtɔ so mmienu no hwiee ne kuruwa no guu po mu. Na ɛdanee sɛ owufoɔ mogya, na ɛpo no mu mmoa nyinaa wuwuiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu ɛpo mu. Nsuo no danee sɛ owufoɔ mogya, na abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu wɔ ɛpo no mu no wuiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na nea ɔto so abien no hwiee ne kuruwa no guu po mu. Na ɛdan sɛ owufo mogya, na ɛpo no mu nyinaa mmoa nyinaa wuwui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 16:3
10 Iomraidhean Croise  

wɔn a nkwa home wɔ wɔn mu, na wɔte asase kesee so nyinaa wuwui.


Ɔdannan wɔn nsu mogya, na ɔde kum wɔn mpataa.


Ɔdan wɔn nsubɔnten mogya, na wɔantumi annom wɔn nsuwansuwa.


Na mede mmea awaresɛefo ne mogyakagufo atemmude mebu wo atɛn, na mayɛ wo abufuhyew ne ninkuntwe mogya,


Ɛnna wɔn a wɔgyee n’asɛm no ma wɔbɔɔ wɔn asu. Na da no ara wɔde akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho.


Na okura nhoma ketewa bi a emu abue wɔ ne nsam, na ɔde ne nan nifa sii po so, na ɔde benkum sii asase so.


Eyinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu na osu ntɔ wɔn adiyi nna no mu, na wɔwɔ nsu so tumi sɛ wɔma ɛdan mogya, ne sɛ wɔde haw biara haw asase da biara a wɔpɛ.


Na mihuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du, ne ti ason sɛ ofi po mu sɔree, na ahemmotiri du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne ti ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan