Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 10:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔbɔfo a mihuu no sɛ ogyina po ne asase so no maa ne nsa nifa so kyerɛɛ ɔsoro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na ɔbɔfoɔ a mehunuu no sɛ ɔgyina po ne asase soɔ no maa ne nsa so kyerɛɛ soro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛhɔ ara ɔbɔfo a mihuu sɛ ogyina hɔ a ne nan baako si po so na baako si asase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɔbɔfoɔ a mehunuu no sɛ ɔgyina po ne asase soɔ no maa ne nsa so kyerɛɛ soro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛhɔ ara ɔbɔfoɔ a mehunuu sɛ ɔgyina hɔ a ne nan baako si ɛpo so na baako si asase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔbɔfo a mihuu no sɛ ogyina po ne asase so no maa ne nsa nifa so kyerɛɛ ɔsoro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 10:5
29 Iomraidhean Croise  

Na Abram ka kyerɛɛ Sodom hene no sɛ: Mema me nsa so mekyerɛ AWURADE, ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no,


Na Esra kae sɛ: Wo ara wo nko ne AWURADE, wo na woyɛɛ ɔsoro, ɔsoro mu soro ne wɔn asafo nyinaa, asase ne nea ɛwɔ so nyinaa, ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa; na wo ara na woma wɔn nyinaa tete ase, na ɔsoro asafo no sɔre wo.


Nhyira ne nea Yakob Nyankopɔn ne ne boafo, nea n’ani da AWURADE, ne Nyankopɔn, so.


Na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwowɔ mu nyinaa, na ɔhomee da a ɛto so ason no; enti na AWURADE hyiraa homeda, na ɔyɛɛ no kronkron.


Na mede mo mɛkɔ asase a mekaa ntam sɛ mede mɛma Abraham, Isak ne Yakob no so, na mede mɛma mo sɛ agyapade. Mene Awurade.


Nanso memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn sare so sɛ meremfa wɔn menkɔ asase a memae a ɛsen nufusu ne ɛwo a ɛyɛ nsaase nyinaa ahyehyɛde no so,


Nso memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn sare no so, sɛ mɛbɔ wɔn mapete amanaman mu, na mapansam wɔn magu nsaase so,


efisɛ mede wɔn mebaa asase a mekaa ntam sɛ mede mɛma wɔn no so no, sɛ wohu koko a ɛkorɔn biara ne dua kusuu biara a, na wɔrebɔ wɔn afɔre wɔ hɔ, na wɔde wɔn ayɛyɛde a ehuru me bo no kyɛ wɔ hɔ, na wɔde wɔn hua huamhuam ma wɔ hɔ, na wohwie wɔn ahwiesa wɔ hɔ.


Na mubehu sɛ mene AWURADE, bere a mede mo mɛba Israel asase, asase a mekaa ntam sɛ mede mɛma mo agyanom no, so no,


Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɛda a mefaa Israel na memaa me nsa so mekyerɛɛ Yakob fi asefo, na mema wohuu me Misraim asase so, na memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn mekae sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn no,


enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Me na mama me nsa so; ampa ara, amanaman a ɛwowɔ mo ho hyia no, wɔn ara na wɔbɛsoa wɔn ahohora.


na monkyɛ nni so mma obiara de nyɛ sɛ ne nua de, efisɛ ɛho na maka ntam sɛ mede mɛma mo agyanom no; na asase yi bɛda hɔ ama mo na moadi so.


Na metee onipa a ofura nwera a ɔwɔ asubɔnten no nsu no so no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa nea ɔte ase daa no ho ntam sɛ enkodu bere, mmere ne fa, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wobewie eyinom nyinaa.


Mmarima, adɛn na moyɛ eyinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa te sɛ mo ara, na yɛka asɛmpa kyerɛ mo sɛ monnan mfi ahuhude yi ho nkɔ Onyankopɔn a ɔte ase no nkyɛn; ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa.


Efisɛ meretwam na mehwɛɛ nneɛma a mosom no, mihuu afɔremuka bi nso a wɔakyerɛw so sɛ: Onyame a wonnim no dea. Enti nea munnim na mosɔre no no, ɔno na meka ne ho asɛm mekyerɛ mo yi.


Na Nyankopɔn ho ade a wɔnhu, efi bere a wɔbɔɔ wiase no, ɔnam nneɛma a wɔayɛ no dedaw no so ada no adi pefee ama wɔde adwene hu mu, mekyerɛ ne daa tumi ne ne nyamesu; ɛno nti wɔnni anoyi biara;


Na mema me nsa so mekɔ ɔsoro, na mise: Sɛ mete ase daa yi!


Na Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, onni nea ɔso sen no a ɔbɛka ne ntam nti, ɔkaa n’ankasa ho ntam


ne nea ɔte ase no. Na miwui, na hwɛ, mete ase daa daa, na mikura owu ne asaman nsafe.


Na okura nhoma ketewa bi a emu abue wɔ ne nsam, na ɔde ne nan nifa sii po so, na ɔde benkum sii asase so.


na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu. Na monkotow nea ɔyɛɛ soro ne asase ne ɛpo ne asuti no.


Na nea ɔto so ason no hwiee ne kuruwa no guu ahun mu. Na ɛnne kɛse bi fi asɔredan no mu, fi ahengua no mu, se: Wɔawie.


Awurade, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ na wɔbɔe.


Na sɛ ateasefo no de anuonyam ne nidi ne aseda ma nea ɔte ahengua no so a ɔte ase daa daa no a,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan