Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 10:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na mihuu ɔbɔfo foforo ahoɔdenfo bi sɛ ofi soro baa fam, na ofura omununkum, na nyankontɔn wɔ ne ti so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ hoɔdenfoɔ bi sɛ ɔfiri soro reba fam, na ɔfira mununkum, na nyankontɔn wɔ ne tiri so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo foforo bi a ofi ɔsoro resian aba fam. Na ɔhyɛ omununkum mu a nyankontɔn bɔ ne ti. Na nʼanim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ hoɔdenfoɔ bi sɛ ɔfiri soro reba fam, na ɔfira mununkum, na nyankontɔn wɔ ne tiri so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ foforɔ bi a ɔfiri ɔsoro resiane ba fam. Na ɔhyɛ omununkum mu a nyankontɔn bɔ ne ti. Na nʼanim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na mihuu ɔbɔfo foforo ahoɔdenfo bi sɛ ofi soro baa fam, na ofura omununkum, na nyankontɔn wɔ ne ti so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 10:1
28 Iomraidhean Croise  

wode wo mpia sɛm nsu so, wode amununkum yɛ wo teaseɛnam, wode mframa ntaban nenam.


Omununkum ne sum atwa ne ho ahyia, trenee ne atemmu ne n’ahengua nnyinaso.


Na Aaron rekasa akyerɛ Israelfo asafo nyinaa no, wɔdannan wɔn ani kyerɛɛ sare so, na hwɛ, Awurade anuonyam yii adi omununkum no mu.


N’asrɛ yɛ abofufu adum a esisi amapa nnyinaso so, ne suban te sɛ Lebanon, wɔapaw no sɛ kyeneduru nnua.


Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum harehare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuw ho bɛpopo n’anim, na Misraim koma anan wɔ ne mu.


Na eyi yɛ me sɛ Noa nna no: Sɛnea mekaa ntam sɛ Noa nsu no mmfa asase so bio no, saa ara nso na maka ntam sɛ me bo remfuw wo na merenteɛteɛ wo bio.


Wode omununkum kataa wo ho, na mpaebɔ amfa mu annu wo nkyɛn.


sɛ nyankontɔn a ɛwɔ omununkum mu osutɔ da te no, saa ara na ɔhyerɛn a etwa ho hyia no te. Ɛno ne AWURADE anuonyam sɛso no tebea. Na mihui no, mehwee ase mede m’anim mibutuw fam, na metee ɛnne a ɛrekasa.


na ne nipadua te sɛ sikabereɛbo, na n’anim te sɛ anyinam, na n’aniwa te sɛ ogyaframa, na n’abasa ne n’anan te sɛ ayowa a wɔahoa ho, na ne kasa nnyigyei te sɛ ɛpo huuyɛ nnyigyei.


Mede hwɛ, anadwo adehu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro amununkum mu reba, na oduu nea ne nna akyɛ no nkyɛn, na wɔma ɔbɛn n’anim.


na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa kyerɛ wo nua Aaron sɛ, ɔnnhyɛn kronkronbea hɔ nnkɔ mmɔhɔɔ no akyi, mpata agua a ɛwɔ adaka no so no anim, bere nyinaa mu, na wanwu, efisɛ omununkum no mu na miyi me ho mekyerɛ, mpata agua no so.


Na ɔsakrae wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntade yɛɛ fitaa sɛ hann.


Ɛnna wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam kɛse reba omununkum mu.


Na owigyinae, ɔhene, ɔkwan so no, mihuu hann bi a ɛkyɛn owia haran sɛ efi soro betwaa me ne wɔn a wɔne me nam no ho hyiae.


Hwɛ, ɔnam amununkum mu reba, na aniwa nyinaa behu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no peaw no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho abubuw. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.


Na eyinom akyi no, mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi soro resian ba, na ɔwɔ tumi kɛse, na n’anuonyam nti asase haranee.


Na ɔbɔfo hoɔdenfo bi maa ɔbo bi a ɛte sɛ owiyammo kɛse so tow kyenee po mu kaa sɛ: Sɛnea wɔbɛtow kurow kɛse Babel akyene hwii ne no, na wɔrenhu bio koraa.


Na mihuu ɔbɔfo bi a ofi soro resian a okura ebun no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi.


Na nea ɔte so no, wohwɛ no a, ɔte sɛ ahwehwɛbo ne bogyanambo, na nyankontɔn a wohwɛ a, ɛte sɛ ahabammonobo atwa ahengua no ho ahyia.


Na mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo bi a ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Hena na ɔfata sɛ obue nhoma no mu na ɔtew ne nsɔano no?


Na mihui, na metee sɛ ɔkɔre biako a otu faa ɔsoro mfinimfini no de nne kɛse teɛɛm sɛ: Wɔn a wɔte asase so no nnue, wonnue, wonnue, torobɛnto a aka a abɔfo baasa no rebɛhyɛn no nne no nti!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan