Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 1:2 - KYERƐW KRONKRON

2 a wadi Nyankopɔn asɛm, ne Yesu Kristo adanse ne nea ohui nyinaa ho adanse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 a wadi Nyankopɔn asɛm ne Yesu Kristo adanseɛ ne deɛ ɔhunuiɛ nyinaa ho adanseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 sɛnea ɛbɛyɛ a Yohane bɛka biribiara a ohui. Eyi ne nʼadansedi ne asɛm a efi Onyankopɔn nkyɛn ne nokware a Yesu Kristo daa no adi no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 a wadi Nyankopɔn asɛm ne Yesu Kristo adanseɛ ne deɛ ɔhunuiɛ nyinaa ho adanseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yohane bɛka biribiara a ɔhunuiɛ. Yei ne nʼadansedie ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ne nokorɛ a Yesu Kristo daa no adi no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 a wadi Nyankopɔn asɛm, ne Yesu Kristo adanse ne nea ohui nyinaa ho adanse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 1:2
22 Iomraidhean Croise  

Na Yohane dii adanse sɛ: Mihuu Honhom no sɛ ofi soro resian sɛ aborɔnoma, na ɔbɛtenaa no so.


Ɛnna nkurɔfokuw a wɔne no wɔ hɔ bere a ɔfrɛɛ Lasaro fii ɔdamoa mu na onyan no fii awufo mu no dii adanse.


Na nea ohui no adi adanse, na n’adanse no yɛ nokware, na ɔno de, onim sɛ ɔka nokware, na mo nso moagye adi.


Oyi ne osuani a odi eyinom ho adanse na ɔkyerɛw eyinom no; na yenim sɛ n’adanse no yɛ nokware.


Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Nea yenim na yɛka, na nea yɛahu na yedi ho adanse; nanso munnye yɛn adanse no.


Na wobɛyɛ ne dansefo, na woadi nea woahu na woate ho adanse akyerɛ nnipa nyinaa.


Na sɔre gyina wo nan so; na eyi nti na miyii me ho mekyerɛɛ wo, sɛ meyi wo mayɛ wo nneɛma a woahu me wom ne nea merebeyi me ho makyerɛ wo wom no ho somfo ne dansefo.


Na yɛn de, yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate.


sɛnea Kristo adanse no atim mo mu,


Na me nso, anuanom, mebaa mo nkyɛn no, mamfa asɛm anaa nyansa a ɛtra so mammɛka mo Onyankopɔn adansesɛm no.


Nea ɛwɔ hɔ fi mfiase, nea yɛate, nea yɛde yɛn aniwa ahu, nea yɛhwɛe na yɛde yɛn nsa kae, wɔ nkwa asɛm no ho,


Na yɛahu na yedi adanse sɛ: Agya no asoma Ɔba no sɛ wiase Agyenkwa.


Demetrio de, wɔn nyinaa di ne ho adanse, wɔ nokware mu, na yɛn nso yedi ne ho adanse, na wunim sɛ yɛn adanse yɛ nokware.


sɛ: Kyerɛw nea wuhu hyɛ nhoma mu, na fa kɔma asafo ahorow ason no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamum, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.


Kyerɛw nea woahu, ne nea ɛwɔ hɔ, ne nea eyi akyi no ɛrebɛba:


Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahenni ne boasetɔ no mu yɔnko no, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti, mewɔ supɔw a wɔfrɛ no Patmo no so, Onyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti.


Na wɔnam oguammaa no mogya ne wɔn adanse asɛm no so adi no so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbewu.


Na ɔtweaseɛ no bo fuw ɔbea no, na okotuu n’asefo nkae a wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse no so sa.


Na mihuu nhengua bi, na wɔn a wɔtete so no, wɔde atemmu maa wɔn. Na mihuu wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti no akra ne wɔn a wɔankotow aboa no anaa ne honi na wɔannye agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so no. Na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem.


Yɛn Awurade Yesu adom nka mo nyinaa.[ Amen.]


Na ɔtew nsɔano a ɛto so anum no ano no, mihuu wɔn a Onyankopɔn asɛm ne wɔn adanse a wodii no nti wɔakunkum wɔn no akra afɔremuka no ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan