Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 4:3 - KYERƐW KRONKRON

3 fa fi nea wadi mfe aduasa de rekɔ no so kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, na wɔnyɛ m'adwuma ahyiae ntamadan no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 fa firi deɛ wadi mfeɛ aduasa de rekorɔ no so kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, na wɔnyɛ m’adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Saa nnipakan yi bɛyɛ mmarima nko ara a wɔadi fi mfe aduasa kosi aduonum a wobetumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 fa firi deɛ wadi mfeɛ aduasa de rekorɔ no so kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, na wɔnyɛ m’adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Saa nnipakan yi bɛyɛ mmarima nko ara a wɔadi firi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 fa fi nea wadi mfe aduasa de rekɔ no so kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, na wɔnyɛ m'adwuma ahyiae ntamadan no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 4:3
27 Iomraidhean Croise  

Na Yosef kopuee Misraim hene Farao anim no, na wadi mfirihyia aduasa. Na Yosef fii Farao anim hɔ kokyinii Misraim asase nyinaa so.


Dawid bedii hene no na wadi mfe aduasa, na odii hene mfirihyia aduanan.


Na wɔn nuanom, Lewifo no, wɔde wɔn maa Onyankopɔn fi tenabea no som nyinaa.


ne asɔfo no nkanee de, sɛ wɔn mpanyimfi te, ne Lewifo no de nso, de fi nea wadi mfirihyia aduonu so de rekɔ, wɔn ahwɛde mu, wɔn nkyekyem mu;


Na wɔbaa AWURADE fi ho, Yerusalem, afe a ɛto so abien mu ɔsram a ɛto so abien so no, Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua ne wɔn nuanom nkae, asɔfo ne Lewifo ne wɔn a wofi nnommumfa no mu baa Yerusalem no nyinaa fii ase, na wɔde Lewifo a wɔadi mfe aduonu de rekɔ no sisii hɔ sɛ wɔnhwɛ AWURADE fi adwuma no so.


efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, Israel mu obiara a obetumi akɔ ɔsa. Wo ne Aaron nkan wɔn sɛ wɔn dɔm te,


na wo ara, fa Lewi mma no sisi adanse tenabea no ne ɛho nneɛma nyinaa ne ade biara a ɛka ho no so, wɔn na wɔnsoa tenabea no ne ɛho nneɛma nyinaa, na wɔn na wɔnyɛ ho adwuma, na tenabea no ho ara na wɔmmɔ wɔn nsra nhyia.


So ɛyɛ mo ade ketewa sɛ Israel Nyankopɔn no atew mo afi Israel asafo ho sɛ ɔde mo rebɛn ne ho na moayɛ AWURADE tenabea no ho adwuma, na moagyina asafo no anim asom wɔn?


Bu Kohat mma no ano fi Lewi mma no mu, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te,


kan wɔn fi nea wadi mfe aduasa de rekɔ so kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, na wɔnsom ahyiae ntamadan no ho.


Kan wɔn fi nea wadi mfe aduasa de rekɔ so kosi nea wadi mfe aduonum so, obiara a obetumi akɔ ɔsa no, na wɔnyɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma.


wɔde fi nea wadi mfe aduasa so de kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, sɛ wɔnyɛ ahyiae ntamadan no mu adwuma.


Eyi ne Kohat mma no ahyiae ntamadan no mu som adwuma: akronkronne mu ade kronkron no.


fi nea wadi mfe aduasa so de kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wotumi yɛ ɔsom adwuma anaa nnesoasoa adwuma ahyiae ntamadan no mu no,


Yesu fii n’adwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfirihyia aduasa, (na nkurɔfo dwen sɛ ɔyɛ Yosef ba), Eli ba,


Saa ɔkasakyerɛ yi na mede mehyɛ wo nsa, me ba Timoteo, sɛnea adiyisɛm a wɔkae wɔ wo ho kan no te no, sɛ fa so ko ɔko pa no,


Ɛyɛ nokwasɛm sɛ, sɛ obi pɛ ɔhwɛfo adwuma a, wapɛ adwuma pa.


Ɔnyɛ abɛɛfo, na wanhoman anhwe ɔbonsam atemmu mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan