Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 17:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Aaron din na kyerɛw hyɛ Lewi poma so; efisɛ poma biara yɛ mpanyimfi biara so otitiriw no de.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Aaron din na twerɛ hyɛ Lewi poma soɔ: Ɛfiri sɛ poma biara yɛ mpanimfie biara mu otitire no deɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Aaron din na wɔbɛkyerɛw agu Lewi abusuakuw pema no ho, efisɛ ɛsɛ sɛ abusuapanyin biara nya pema baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Aaron din na twerɛ hyɛ Lewi poma soɔ: Ɛfiri sɛ poma biara yɛ mpanimfie biara mu otitire no deɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Aaron din na wɔbɛtwerɛ agu Lewi abusuakuo poma no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Aaron din na kyerɛw hyɛ Lewi poma so; efisɛ poma biara yɛ mpanyimfi biara so otitiriw no de.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 17:3
10 Iomraidhean Croise  

Na wo ne wo mma a wɔka wo ho no nhwɛ mo asɔfodi no, afɔremuka no ho nsɛm nyinaa mu, ne ntwamu mmɔhɔɔ no mu de no mu mfa nsom: mede mo asɔfodi no mama mo sɛ akyɛde som adwuma; na obi foforo biara a ɔbɛn no, wonkum no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Wo ne wo mma ne wo mpanyimfi nyinaa, monsoa kronkronbea no ho amumɔyɛ, na wo ne wo mma a wɔka wo ho no, monsoa mo asɔfodi ho amumɔyɛ.


Na Amram faa n'agya ne nua Yokebed waree, na ɔwoo Aaron ne Mose maa no. Na Amram mfe a odii si mfe ɔha aduasa asɔn.


Na eyinom ne Lewi mma din wɔn awo ntoatoaso mu: Gerson ne Kahat ne Merari. Na Lewi mfe a odii si mfe ɔha aduasa asɔn.


Kasa kyerɛ Israelfo no, na gyigye wɔn hɔ wɔn mpanyimfi so mpoma mmiako mmiako, mmapɔmma no nyinaa hɔ mpoma dumien, sɛ wɔn mpanyimfi te no, na kyerɛkyerɛw wɔn din hyehyɛ wɔn mpoma no so;


Na gyaw gu ahyiae ntamadan no mu, Adanse no anim, nea me ne mo hyia hɔ no.


Na wo, onipa ba, fa dua biako fa, na kyerɛw so sɛ: Yuda ne Israelfo a wɔka ne ho no de; na fa dua biako nso, na kyerɛw so sɛ: Yosef a ɔne Efraim, ne Israel fi a wɔka ne ho no nyinaa dua.


na asase buee n'anom menee wɔn ne Kora, na asafo no wuwui, na ogya hyew mmarima ahanu aduonum no; na wɔbɛyɛɛ sɛnkyerɛnne.


Na moatwa mo ankasa mo kra nkontompo, efisɛ mo ara na mosomaa me AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn sɛ: Bɔ AWURADE yɛn Nyankopɔn mpae ma yɛn, na sɛnea AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa no, saa na ka kyerɛ yɛn na yɛnyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan