Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 8:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ma asafo no nyinaa mmɔ gua, ahyiae ntamadan no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ma asafo no nyinaa mmɔ dwa, ahyiaeɛ ntomadan no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 na frɛ Israelfo no nyinaa na wɔmmra hɔ bi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ma asafo no nyinaa mmɔ dwa, ahyiaeɛ ntomadan no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 na frɛ Israelfoɔ no nyinaa na wɔmmra hɔ bi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ma asafo no nyinaa mmɔ gua, ahyiae ntamadan no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 8:3
16 Iomraidhean Croise  

Na Dawid boaa Israel man no nyinaa ano hyiae de fi Misraim Sihor ara kosii, nea wɔrekɔ Hamat ano, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn adaka no afi Kiriat-yearim aba.


Na Dawid boaa Israel nyinaa ano behyiaa Yerusalem sɛ wɔrekɔfa AWURADE adaka no de aba n’afa a wasiesie ama no no.


Na nkurɔfo bebree boaa wɔn ho ano Yerusalem sɛ wobedi apiti nnapɔnna no ɔsram a ɛto so abien no so, bagua kɛse pa ara.


Na ɔhene no ne ne mmapɔmma ne bagua no nyinaa tuu agyina Yerusalem sɛ wobedi Twam ɔsram a ɛto so abien no so.


Na Yuda bagua no nyinaa ne asɔfo ne Lewifo no ne asafo a wofi Israel bae no nyinaa nso, ahɔho a wofi Israel asase so bae no ne wɔn a wɔte Yuda no ani gyei.


Ɛnna Solomon boaa Israel mpanyin ne mmusuakuw no atitiriw ne Israelfo mpanyimfi mmapɔmma no ano behyiaa Yerusalem, sɛ wɔrekɔfa AWURADE apam adaka no afi Dawid kurow a ɛne Sion no mu aba.


Na ɔhene Solomon ne Israel asafo a wobehyiaa ne nkyɛn adaka no anim no nyinaa kunkum nguan ne anantwi a wɔn dodow nti wɔantumi ankan na wɔammu ano bobɔɔ afɔre.


Na ɔsram a ɛto so ason no dui, na Israelfo no wowɔ wɔn nkurow mu no, ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ho ano hyiae sɛ onipa biako kɔɔ mprae a ɛwɔ nsu pon no anim no so, na wɔka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo Esra sɛ, ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nhoma mmra.


Wo na woma miyi wo ayɛ asafo kɛse mu, mɛma m’aboade, wɔn a wosuro no no anim.


Na ɔsɔfo a ɔtew ne ho no mfa ɔbarima a wɔretew ne ho no ne nneɛma no mmegyina AWURADE anim, ahyiae ntamadan no ano.


Fa Aaron ne ne mma ka ne ho, ne ntade no, ne ɔsra ngo no, ne bɔne ho afɔre nantwinini no ne adwennini abien no ne apiti kɛntɛn no.


Na Mose yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ no no, na ɔmaa asafo no bɔɔ gua, ahyiae ntamadan no ano.


Fa poma no na boa asafo no ano, wo ne wo nua Aaron, na monhyɛ ɔbotan no wɔn anim, sɛ ɔmma ne nsu, na yi ɔbotan no mu nsu ma wɔn, ne wɔn asafo ne wɔn mmoa nnom.


Ɛhɔ na wofi kɔɔ Beer, asubura a AWURADE kaa ho asɛm kyerɛɛ Mose sɛ: Boa ɔman no ano na mɛma wɔn nsu anom, no.


Na fa Lewifo no bra ahyiae ntamadan no ano, na ma Israelfo asafo mu no nyinaa mmɛbɔ gua;


Na Pentekoste da no dui no, na wɔn nyinaa ahyia faako.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan