Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 7:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Nea wokum ɔhyew afɔre aboa no, ɛhɔ ara na wonkum asodi ho afɔre no nso; na onhwie ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Faako a wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ aboa no, ɛhɔ ara na wɔnkum asodie ho afɔdeɛ deɛ no nso; na ɔnhwie ne mogya mpete afɔrebukyia no so nhyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wobekum aboa a wɔde no rebɔ afɔdi afɔre no wɔ beae a wokum aboa a wɔde no bɔ ɔhyew afɔre no na wɔde ne mogya no apete afɔremuka no ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Faako a wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ aboa no, ɛhɔ ara na wɔnkum asodie ho afɔdeɛ deɛ no nso; na ɔnhwie ne mogya mpete afɔrebukyia no so nhyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔbɛkum aboa a wɔde no rebɔ afɔdeɛ no wɔ beaeɛ a wɔkumm aboa a wɔde no bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no na wɔde ne mogya no apete afɔrebukyia no ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Nea wokum ɔhyew afɔre aboa no, ɛhɔ ara na wonkum asodi ho afɔre no nso; na onhwie ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 7:2
22 Iomraidhean Croise  

saa ara na ɔbɛma amanaman pii abobɔ piriw, na ahene bemuamua wɔn ano wɔ ne ho, efisɛ nea wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wohu, na nea wɔntee da no, wɔte ase.


Na mede nsu kurunnyen mɛpete mo so na mo ho atew. Mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuw nyinaa mu na mɛtew mo ho afi,


Na ɔponkɛse no ntwironoa no mu no, apon abien sisi ha na abien nso sisi ha, na ɛho na wokum ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre ne asodi afɔre;


Na onkum no afɔremuka no nkyɛn mu atifi fam, AWURADE anim, na Aaron mma, asɔfo no, mfa ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia.


Sɛ n'ayɛyɛde no yɛ ɔhyew afɔre a efi anantwi mu a, ɔmfa onini a odi mu mmra; ahyiae ntamadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani.


Na onkum nantwi ba no, AWURADE anim, na Aaron mma, asɔfo no, mfa mogya no mmra, na wɔmfa mpete afɔremuka a ɛwɔ ahyiae ntamadan no ano no so nhyia.


na onkum oguanten ba no nea wokum bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre hɔ, nea ɛhɔ yɛ kronkron, efisɛ asodi ho afɔre no nso yɛ asɔfo no dea, te sɛ bɔne ho afɔre, ɛyɛ akronkronne mu adekronkron.


Na ɔmfa ne nsa nto n'ayɛyɛde no atifi, na onkum no, ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no, asɔfo no, mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia.


na ɔmfa ne nsa nto n'ayɛyɛde no atifi, na onkum no ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia.


na ɔmfa ne nsa nto ɔpapo no atifi, na onkum no nea wokum ɔhyew afɔre no wɔ AWURADE anim: bɔne ho afɔre nen.


na ɔmfa ne nsa nto bɔne ho afɔre no atifi, na onkum bɔne ho afɔre no, nea wokum ɔhyew afɔre hɔ.


na ɔmfa ne nsa nto bɔne ho afɔre no atifi, na onkum no nyɛ bɔne ho afɔre, nea wokum ɔhyew afɔre hɔ.


Na nea wayɛ ho bɔne, akronkronne mu no, onsi ananmu, na ɔmfa mu abupɛn anum mu biako mpae so, na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no, na ɔsɔfo no mfa asodi ho afɔre dwennini no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.


Na sɛ ne nsa anso oguan so a, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne a wayɛ no mu asodi ho afɔre; biako nyɛ bɔne ho afɔre, na biako nyɛ ɔhyew afɔre.


na ɔmfa bɔne ho afɔre no mogya no bi mpete afɔremuka no ho, na mogya no nkae no, ɔmfa ngu ɔhyew afɔremuka no ase: bɔne ho afɔre ne no.


Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma no sɛ Eyi ne bɔne ho afɔre ho mmara: Nea wokum ɔhyew afɔre aboa no, ɛhɔ ara na wonkum bɔne ho afɔre de no, AWURADE anim; akronkronne mu adekronkron ne no.


Na ɔsɔfo no mpata mma no wɔ AWURADE anim, na wɔde ade biara a wayɛ a odi ho so no bɛkyɛ no.


Na ontua ne ho ade mma AWURADE n'ahotua nna no, na ɔmfa oguanten ba a wadi afe mmra mmɛbɔ asodi ho afɔre; na kan nna no ayera, efisɛ n'ahotua no ho agu fi.


Gyidi na ɔde dii Twam ne mogyapete no, na mmakan no sɛefo no anka wɔn.


ne Apam foforo ntamgyinafo Yesu, ne mogya a wɔpete a ɛkasa yiye sen Habel de ho.


sɛnea Agya Onyankopɔn nim a onim dedaw no te no, wɔ honhom ahotew mu, de akɔ asoɔmmerɛw ne Yesu Kristo mogya dwira mu: Adom ne asomdwoe mmoroso nka mo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan