Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 4:3 - KYERƐW KRONKRON

3 sɛ nso ɛyɛ ɔsɔfo a wɔasra no (ɔsɔfopanyin) yɛ bɔne ma ɔman no di so a, ɛnne ne bɔne a ɔyɛe nti ma ɔmfa nantwi ba onini a odi mu mmrɛ AWURADE mmɛbɔ bɔne ho afɔre.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 sɛ nso ɔsɔfoɔ a wɔasra no ɔsɔfo panin yɛ bɔne ma ɔman no di so a, ɛnneɛ ne bɔne a ɔyɛeɛ nti ma no mfa nantwie ba onini a ɔdi mu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “ ‘Sɛ ɔsɔfo bi anhyɛ da na ɔfom mmara bi na ɛnam so de afɔbu ba nnipa no so a, ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba a onnii dɛm bɔ bɔne ho afɔre de ma Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 sɛ nso ɔsɔfoɔ a wɔasra no ɔsɔfo panin yɛ bɔne ma ɔman no di so a, ɛnneɛ ne bɔne a ɔyɛeɛ nti ma no mfa nantwie ba onini a ɔdi mu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “ ‘Sɛ ɔsɔfoɔ bi anhyɛ da na ɔfom mmara bi na ɛnam so de afɔbuo ba nnipa no so a, ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba a ɔnnii dɛm bɔ bɔne ho afɔdeɛ de ma Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 sɛ nso ɛyɛ ɔsɔfo a wɔasra no (ɔsɔfopanyin) yɛ bɔne ma ɔman no di so a, ɛnne ne bɔne a ɔyɛe nti ma ɔmfa nantwi ba onini a odi mu mmrɛ AWURADE mmɛbɔ bɔne ho afɔre.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 4:3
32 Iomraidhean Croise  

Na wɔde anantwinini ason ne adwennini ason ne nguammaa ason ne mpapo ason kɔbɔɔ bɔne ho afɔre maa ahenni no ne kronkronbea no ne Yuda; na ɔka kyerɛɛ Aaron mma, asɔfo no, sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre AWURADE afɔremuka no so.


Na atukɔfo a wofi nnommum mu bae no de ɔhyew afɔre brɛɛ Israel Nyankopɔn no, Israel nyinaa ti: Anantwinini dumien, adwennini aduakron asia, nguanten mma aduɔsɔn asɔn, bɔne ho afɔre mpapo dumien. Wɔde ne nyinaa bɔɔ ɔhyew afɔre maa AWURADE.


Nantwi no nam ne ne nhoma ne ne bin de, fa ogya hyew nsra no akyi, ɛyɛ bɔne ho afɔre.


Na fa afɔremuka no so mogya no bi ne ɔsra ngo no bi, na fa petepete Aaron ne ne ntade so, ne ne mma no ne ne mma ntade nso so, na ennwira no ne ne ntade ne ne mma ne ne mma ntade no nso.


na fa ɔsra ngo hwie gu n'atifi fa sra no.


Na daa afirihyia mu pɛnkoro Aaron mfa bɔne ho mpata afɔre mogya no bi mpata wɔ ne mmɛn no so; daa afe ɔmpata wɔ so pɛnkoro, mo awo ntoatoaso nyinaa mu: ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron ma AWURADE.


Na ɔponkɛse no ntwironoa no mu no, apon abien sisi ha na abien nso sisi ha, na ɛho na wokum ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre ne asodi afɔre;


Asɔfo, Lewifo a wofi Sadok asefo mu a wɔbɛba abɛbɛn me sɛ wɔrebɛsom me no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ma wɔn nantwiforo na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔre,


na ɛda a ɔrehyɛn kronkronbea akɔ emu fam abangua so akɔsom kronkronbea no, ɔmfa ne bɔne ho afɔre mmra, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Na sɛ n'ayɛyɛde no fi nguan mu, nguanten anaa mmirekyi mu, na ɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre a, onini a odi mu na ɔmfa mmra.


Sɛ n'ayɛyɛde no yɛ ɔhyew afɔre a efi anantwi mu a, ɔmfa onini a odi mu mmra; ahyiae ntamadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani.


Na Aaron mfa bɔne ho afɔre nantwinini a ɛyɛ ne de no mmra mfa mpata mma n'ankasa ne ho ne ne fi, na onkum bɔne ho afɔre nantwinini a ɛyɛ ne de no.


Na eyi ne nea Aaron mfa nhyɛn kronkronbea hɔ, nantwininiforo a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre, ne odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre.


Na onnye Israel asafo no hɔ mpapo abien, na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔre, ne odwennini biako, na wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre.


Na Aaron mfa bɔne ho afɔre nantwinini a ɛyɛ ne de no mmra, na ɔmfa mpata mma n'ankasa ne ho ne ne fi.


na wohu bɔne a wɔayɛ de afom no a, ɛnne asafo no mfa nantwi ba onini mmra mmɛbɔ bɔne ho afɔre, na wɔmfa no mmra ahyiae ntamadan no ano.


ɛnne ɔmfa n'ayɛyɛde a ɛyɛ ɔpapo a odi mu mmra;


ɛnne, ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n'ayɛyɛde, abirekyibere a odi mu mmra mmɛma;


Na ɔsɔfo a wɔasra no no mfa nantwi no mogya no bi nkɔ ahyiae ntamadan no mu,


na ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n'asodi ho afɔre mmrɛ AWURADE, nguan mu ɔbere, oguanten anaa abirekyi, na ɛnyɛ bɔne ho afɔre, na ɔsɔfo no mpata mma no wɔ ne bɔne no ho.


Aaron mma mu mmarima nyinaa nni; ɛnyɛ AWURADE gya afɔre horow ho daa ahyɛde, mo awo ntoatoaso nyinaa mu; obiara a ɔka no nyɛ kronkron.


Na ohwiee ɔsra ngo no bi guu Aaron atifi sraa no ngo de yɛɛ no kronkron.


na ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa nantwi ba a wode bɛyɛ bɔne ho afɔre ne odwennini a wode bɛyɛ ɔhyew afɔre, wonni mu, na fa bra AWURADE anim.


Na Israelfo no nso, kasa kyerɛ wɔn sɛ: Momfa ɔpapo mmɛyɛ bɔne ho afɔre, ne nantwi ba ne oguanten ba a wɔadi afe a wodi mu mmɛyɛ ɔhyew afɔre,


Na wɔde wɔn anim butubutuw fam kae sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! So ɔbarima biako bɛyɛ bɔne na wo bo ahuru asafo mu no nyinaa?


Na wɔmfa nantwinini ne ɛho aduan afɔre, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw; na fa nantwinini foforo nso a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre.


Na nea mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛw nti, Onyankopɔn somaa n’ankasa ne Ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ ɔhonam no mu,


Efisɛ, nea onnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Onyankopɔn trenee wɔ ne mu.


Na ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne ho afɔre ma ne ho, sɛnea ɔbɔ ma ɔman no.


nanso ɛnyɛ mmerekyi ne anantwi mma mogya, na mmom n’ankasa ne mogya so na ɔnam kɔɔ kronkronbea mu prɛko konyaa daa ogye.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan