Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 3:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔmfa ne nsa nto n'ayɛyɛde no atifi, na onkum no, ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no, asɔfo no, mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔmfa ne nsa nto n’ayɛyɛdeɛ no atifi, na ɔnku no, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma no, asɔfoɔ no, mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Onipa a ɔde aboa no aba no de ne nsa begu aboa no apampam na wakum no wɔ Ahyiae Ntamadan no ano. Na Aaron mmabarima asɔfo no apete aboa no mogya agu afɔremuka no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔmfa ne nsa nto n’ayɛyɛdeɛ no atifi, na ɔnku no, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma no, asɔfoɔ no, mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Onipa a ɔde aboa no aba no de ne nsa bɛgu aboa no apampam na wakum no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. Na Aaron mmammarima no apete aboa no mogya agu afɔrebukyia no ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔmfa ne nsa nto n'ayɛyɛde no atifi, na onkum no, ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no, asɔfo no, mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 3:2
23 Iomraidhean Croise  

Na ma wɔmfa nantwinini no mmra ahyiae ntamadan no anim, na Aaron ne ne mma no mfa wɔn nsa ngu nantwi no atifi.


Na kum nantwi no AWURADE anim, ahyiae ntamadan no ano.


Na fa odwennini biako, na Aaron ne ne mma no mfa wɔn nsa ngu odwennini no atifi.


Na kum odwennini no, na fa ne mogya pete afɔremuka no ho hyia.


Na fa odwennini biako no, na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu odwennini no atifi.


Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nguan, yɛdannan fofaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumɔyɛ kɔhwee no so.


Na onkum no afɔremuka no nkyɛn mu atifi fam, AWURADE anim, na Aaron mma, asɔfo no, mfa ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia.


Obiara a ɔwɔ Israel fi a okum nantwi anaa oguanten anaa abirekyi nsra mu, anaasɛ okum no nsra no akyi,


na ɔmfa mma ahyiae ntamadan no ano mmɛyɛ ayɛyɛde mma AWURADE wɔ AWURADE tenabea anim no, wobebu mogya agu no so, waka mogya agu, na wobetwa saa onipa no afi ne man mu akyene,


Na onyi asomdwoe afɔre no bi mmra mmɛyɛ AWURADE gya afɔre: srade a ɛkata ayamde no so no ne ayamde no ho srade nyinaa,


na ɔmfa ne nsa nto n'ayɛyɛde no atifi, na onkum no ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia.


Na ɔde odwennini a ɔto so abien no, nsamhyɛ afɔre dwennini no bae, na Aaron ne ne mma no de wɔn nsa guu odwennini no atifi.


Na mehwie ɔdom ne nkotɔsrɛ honhom magu Dawid fi ne Yerusalemfo so, na wɔahwɛ nea wɔahwirew me mu no, na wɔatue no so su sɛ ɔba koro so su, na wɔabɔ no so abubuw a ɛyɛ yaw ara sɛ abakan so de.


Na nantwi abakan anaa oguanten abakan anaa abirekyi abakan de, mma wonnnye: wɔyɛ kronkron; fa wɔn mogya pete afɔremuka no so na hyew wɔn srade ma ɛnyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.


Na nkwa hene no de, mukum no. Ɔno na Onyankopɔn anyan no afi awufo mu; ɛho adansefo ne yɛn.


Mo na Onyankopɔn nyan n’akoa no, ɔsomaa no mo nkyɛn kan, sɛ ommehyira mo, sɛ ɔbɛdan mo nyinaa afi mo bɔne ho.


Efisɛ, nea onnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Onyankopɔn trenee wɔ ne mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan