Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 2:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na sɛ wode aduan afɔre ayɛyɛde a wɔato no fononoo mu reba a, fa asikresam apiti a wɔde ngo afɔtɔw tetare ne apiti fam a wɔagu so ngo bra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na sɛ wode aduane afɔdeɛ ayɛyɛdeɛ a wɔato no fononoo mu bi reba a, fa esiam apiti a wɔde ngo afɔre taterɛ ne apiti ɔfam a wɔagu so ngo bra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “ ‘Sɛ wɔde brodo a wɔato no fononoo mu brɛ Awurade sɛ afɔrebɔde a, ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ato a mmɔkaw nni mu na ɛbɔ saa afɔre no. Mutumi de brodo ntrantraa dɛdɛ a mmɔkaw nni mu na mode ngo afa so nso bɔ afɔre ma ɛyɛ yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na sɛ wode aduane afɔdeɛ ayɛyɛdeɛ a wɔato no fononoo mu bi reba a, fa esiam apiti a wɔde ngo afɔre taterɛ ne apiti ɔfam a wɔagu so ngo bra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “ ‘Sɛ wɔde burodo a wɔato no fononoo mu brɛ Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ato a mmɔreka nni mu na ɛbɔ saa afɔdeɛ no. Motumi de burodo ntrawa dɛɛdɛ a mmɔreka nni mu na mode ngo afa so nso bɔ afɔdeɛ ma ɛyɛ yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na sɛ wode aduan afɔre ayɛyɛde a wɔato no fononoo mu reba a, fa asikresam apiti a wɔde ngo afɔtɔw tetare ne apiti fam a wɔagu so ngo bra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 2:4
21 Iomraidhean Croise  

Wɔahwie me agu sɛ nsu, na me nnompe nyinaa ahunhuan n’akwaa so. Me koma ayɛ sɛ hweawa, anan wɔ me yam.


Na wonni nam no anadwo no ara; wɔmfa ogya ntoto, na wɔmfa apiti ne fan nwenenwene nni.


Na Israelfo frɛɛ no: Mana, nso ɛte sɛ yisa aba fitaa, na ne dɛ te sɛ tetare a ɛwo wɔ mu.


ne apiti abodoo ne tetare a wɔagu mu ngo, ne apiti fam a wɔasra ho ngo; awisam na fa yɛ.


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden ni, nea mapaw no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu no so; ɔde atemmu befi akɔ amanaman mu.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, efisɛ AWURADE asra me sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufo; wasoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ mempae ahofadi menkyerɛ nnommum, ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfo;


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne faako a asɔfo no bɛnoa asodi ho afɔre ne bɔne ho afɔre no, na wɔatoto aduan afɔre no, na wɔamfa amfi adi ankɔ ɛho fam abangua no so ankɔtew ɔman no ho.


Na onkum no afɔremuka no nkyɛn mu atifi fam, AWURADE anim, na Aaron mma, asɔfo no, mfa ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia.


Na Mose kasa kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasar ne Itamar a wɔkae no sɛ: Momfa AWURADE gya afɔre mu aduan afɔre a ɛkae no, na munni no apiti, afɔremuka no ho, efisɛ ɛyɛ akronkronne mu adekronkron.


Wɔmmfa mmɔkaw mmfra nnto; wɔn kyɛfa a mede mama wɔn wɔ me gya afɔre mu ne no; ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron, sɛ bɔne ho afɔre ne asodi ho afɔre.


Sɛ wɔyɛ no aseda afɔre de ba a, aseda afɔre a ɔde ba no nyɛ apiti tetare a wɔde ngo afɔtɔw, ne apiti fam a wɔde ngo agu so ne asikresam tetare a wɔde ngo afɔtɔw akyew.


ne apiti abodoo, asikresam tetare a wɔde ngo afɔtɔw ne apiti fam a wɔasra ho ngo kɛntɛn ne ɛho aduan afɔre ne ahwiesa.


Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Awerɛhow ahyɛ me kra so de rekɔ owu mu; montena ha na mo ne me nwɛn.


Afei me kra ho yeraw no; na ɛdɛn na menka? Agya, gye me fi dɔn yi mu! Nanso eyi nti na mebaa dɔn yi mu.


Na nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm; na Onyankopɔn nsusuw Honhom ansa na ɔde ma.


Na ɔsɔfo panyin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panyin yi a ne ho tew, onni bɔne, ne ho nni nkekae, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho, na wɔama no so akyɛn ɔsoro.


Enti munyiyi bɔnepɛ nyinaa ne nnaadaa nyinaa ne nyaatwomyɛ ne nitan ne nseku nyinaa ntotow ngu,


Ɔno na wanyɛ bɔne, nanso wɔanhu nnaadaa n’anom.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan