Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 2:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na aduan afɔre no mu nea ɛbɛka no nyɛ Aaron ne ne mma dea. AWURADE gya mu akronkronne mu ade kronkron ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na aduane afɔdeɛ no mu deɛ ɛbɛka no nyɛ Aaron ne ne mma dea, AWURADE gya mu akronkronneɛ mu ade kronkron ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam nkae no ma Aaron ne ne mmabarima sɛ wɔn aduan; nanso wɔfa ne nyinaa sɛ afɔre kronkron a wɔabɔ ama Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na aduane afɔdeɛ no mu deɛ ɛbɛka no nyɛ Aaron ne ne mma dea, AWURADE gya mu akronkronneɛ mu ade kronkron ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam no nkaeɛ ma Aaron ne ne mmammarima sɛ wɔn aduane; nanso wɔfa ne nyinaa sɛ afɔdeɛ kronkron a wɔabɔ ama Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na aduan afɔre no mu nea ɛbɛka no nyɛ Aaron ne ne mma dea. AWURADE gya mu akronkronne mu ade kronkron ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 2:3
17 Iomraidhean Croise  

Na amrado ka kyerɛɛ wɔn sɛ wonnni akronkronne mu ade kronkron no bi kosi sɛ ɔsɔfo bi de Urim ne Tumim ase ne: Hann ne nokware begyina hɔ.


Nnansɔn na pata afɔremuka no so yɛ no kronkron, na afɔremuka no ayɛ akronkronne mu kronkron. Obiara a ɔka afɔremuka no nyɛ kronkron.


Aduan afɔre ne bɔne ho afɔre ne asodi ho afɔre no, wɔn ara na wonni, na Israel mu ahyirade nyinaa nyɛ wɔn de.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne faako a asɔfo no bɛnoa asodi ho afɔre ne bɔne ho afɔre no, na wɔatoto aduan afɔre no, na wɔamfa amfi adi ankɔ ɛho fam abangua no so ankɔtew ɔman no ho.


Ɛsoma srɛ ne ohim yan no na wɔmfa nka srade a wɔhyew no ho mmra, na wonhim no ohim afɔre, AWURADE anim, na ɛnyɛ wo de ne wo mma de nyɛ daa kyɛfa, sɛnea AWURADE hyɛe no.


na onkum oguanten ba no nea wokum bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre hɔ, nea ɛhɔ yɛ kronkron, efisɛ asodi ho afɔre no nso yɛ asɔfo no dea, te sɛ bɔne ho afɔre, ɛyɛ akronkronne mu adekronkron.


Na aduan afɔre no nkae nyɛ Aaron ne ne mma dea; akronkronne mu adekronkron a efi AWURADE gya afɔre mu ne no.


Ne Nyankopɔn aduan, akronkronne mu ade kronkron ɛne akronkronne no de, onni bi.


Na ɔsɔfo no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ nneɛma yi biara mu no ho, na wɔde befiri no; na nkae no nyɛ ɔsɔfo no de, sɛ aduan afɔre.


Ɔsɔfo a ɔbɔ bɔne ho afɔre no na onni; nea ɛhɔ yɛ kronkron na wonni wɔ ahyiae ntamadan no adiwo.


Hyɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Eyi ne ɔhyew afɔre ho mmara, ɔhyew afɔre no ntena asammorofi, afɔremuka no so anadwo mu nyinaa nkosi anɔpa, na wɔmma afɔremuka no so gya no nnɛw wɔ so.


Sɛ bɔne ho afɔre te no, sɛ asodi ho afɔre nso te ne no, mmara koro na ɛda ho; ɔsɔfo a ɔde pata no, ɛnyɛ ne dea.


Na aduan afɔre a wɔto fononoo mu nyinaa, ne nea wosiesie no kutu mu ne kyew dade so nyinaa, ɔsɔfo a ɔde ba no na ɛnyɛ ne dea.


Akronkronne mu ade kronkron a efi ogya no mu no mu nea ɛnyɛ wo de ni: wɔn ayɛyɛde biara a wɔde ba, wɔn aduan afɔre biara, ne wɔn bɔne ho afɔre biara ne wɔn asodi ho afɔre biara a wɔde brɛ me no nyɛ akronkronne mu ade kronkron mma wo ne wo mma.


na miyii no Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ ommedi me sɔfo na ɔmmɔ m’afɔremuka so ɔhyew afɔre na ɔnhyew aduhuam na ɔnhyɛ asɔfotade no m’anim, na mede Israelfo gya afɔre nyinaa memaa w’agya fi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan