Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 2:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔmfa mmrɛ Aaron mma no, asɔfo no, na ɔsɔfo no mfa asikresam ne ngo no nsa mama, ne ohuamfufu no nyinaa, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so sɛ nkae ade. Ɛyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔmfa mmrɛ Aaron mma no, asɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa esiam ne ngo no nsa mama, ne ohwamfufuo no nyinaa, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ nkaeɛ adeɛ. Ɛyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 nkɔma Aaron mma asɔfo no. Ɔsɔfo no bɛsaw siam ne ngo no nsa mma de aka aduhuam no nyinaa ho na wahyew eyi sɛ afɔremuka no nkae ade, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ Awurade ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔmfa mmrɛ Aaron mma no, asɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa esiam ne ngo no nsa mama, ne ohwamfufuo no nyinaa, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ nkaeɛ adeɛ. Ɛyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛsɛ sɛ ɔsa ne nsabuo ma de si aduane no nyinaa anan de ma asɔfoɔ no mu baako hye sɛ afɔrebɔdeɛ, na ɛbɛyɛ Awurade anisɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔmfa mmrɛ Aaron mma no, asɔfo no, na ɔsɔfo no mfa asikresam ne ngo no nsa mama, ne ohuamfufu no nyinaa, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so sɛ nkae ade. Ɛyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 2:2
17 Iomraidhean Croise  

Me Nyankopɔn, kae me, eyi ho, na mpopa m’adɔe a mayɛ mama me Nyankopɔn fi ne ne som adwuma no.


Na misee Lewifo no sɛ wonnwira wɔn ho na wɔmmra mmɛhwɛ apon no ano, na wɔnyɛ homeda no kronkron. Eyi ho nso kae me, me Nyankopɔn, na kora me so sɛ w’adɔe bebree no te.


Na gyigye mpata sika no Israelfo no nsam, na fa ma ahyiae ntamadan no mu som no, na ɛnyɛ Israelfo no nkae, AWURADE anim, na wɔmfa mpata mma mo kra.


Nea okum nantwi no te sɛ nea okum nipa; nea okum guan bɔ afɔre no te sɛ nea obu ɔkraman kɔn mu; nea ɔbɔ aduan afɔre no te sɛ nea ɔde prako mogya ba; nea ɔhyew aduhuam no te sɛ nea ohyira ohoni. Wɔn de, wɔapaw wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyide;


Na ayamde ne nnyawa no, ɔmfa nsu nhohoro ho; na ɔsɔfo no mfa ne nyinaa mmra mmɛhyew afɔremuka no so; ɛyɛ ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.


Na onsuan ne mu, ne ntaban ho, nanso ɔnntew mu, na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so, wɔ ogya no so, ɛyɛ ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.


Na ɔnhohoro n'ayamde ne ne nnyawa ho wɔ nsu mu; na ɔsɔfo no nhyew ne nyinaa afɔremuka no so, na ɛnyɛ ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.


Na ɔsɔfo no nhyew aburow mfuamfua a wɔapa ho no bi ne ngo no bi ne ohuamfufu no nyinaa sɛ nkae ade: ɛyɛ ogya afɔre a wɔbɔ ma AWURADE.


Na ɔsɔfo no nyi ayɛyɛde no so nkae ade no, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE ne no.


Na fa ohuamfufu kurunnyenn toto akyerɛpɛn no so, na ɛnyɛ abodoo no so nkae ade, ogya afɔre a wɔsɔ ma AWURADE.


Na onyi ɛho srade sɛnea woyi asomdwoe afɔre de no, na ɔsɔfo no nhyew wɔ ɔhyew afɔremuka no so, na enyi hua huamhuam mma AWURADE; na ɔsɔfo no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.


Na sɛ ne nsa anso nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien so a, nea ɔmfa nyɛ ne bɔne a ɔyɛe ho ayɛyɛde ne asikresam olonka abupɛn du mu biako, na ɛnyɛ bɔne ho afɔre; ɔmmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ohuamfufu nnto so, efisɛ ɛyɛ bɔne ho afɔre.


Na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no, na ɔsɔfo no mfa mu nsa ma nyɛ nkae ade, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so, sɛnea AWURADE gya afɔrebɔ te no; bɔne ho afɔre ne no.


Na ɔmfa aduan afɔre no asikresam no nsa ma, ne ngo no bi ne aduan afɔre no so huamfufu nyinaa, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so, na enyi hua huamhuam nyɛ nkae ade mma AWURADE.


na ɔsɔfo no mfa ɔbea no nnyina AWURADE anim, na onyi ne ti so nkataso, na ɔmfa nkae aduan afɔre a ɛne ninkuntwe aduan afɔre no nhyɛ ne nsam, na ɔsɔfo no nkura nsu nwenenwene a ɛde nnome ba no ne nsam;


na ɔsɔfo no nsaw aduan afɔre no nsa ma ɛnyɛ nkae ade, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so, na ɛno akyi no ɔmma ɔbea no nnom nsu no.


Na ɔhwɛɛ no dinn, na osuroe. Na ose: Ɛyɛ dɛn, Awura? Na osee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborohunu ade no aforo ɔsoro abɛyɛ nkae Onyankopɔn anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan