Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 2:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na sɛ obi de aduan afɔre ayɛyɛde rebrɛ AWURADE a, n'ayɛyɛde no nyɛ asikresam, na ongu so ngo, na ɔmfa ohuamfufu nto so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na sɛ obi de aduane afɔdeɛ ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, n’ayɛyɛdeɛ no nyɛ esiam, na ɔngu so ngo, na ɔmfa ohwamfufuo nto so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “ ‘Obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ aduan afɔre de ma Awurade no, ɛsɛ sɛ afɔrebɔde no yɛ asikresiam muhumuhu koraa. Wonhwie ngo ngu so mfa aduhuam mfra

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na sɛ obi de aduane afɔdeɛ ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, n’ayɛyɛdeɛ no nyɛ esiam, na ɔngu so ngo, na ɔmfa ohwamfufuo nto so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “ ‘Obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ de ma Awurade no, ɛsɛ sɛ ɔde asikyiresiam a ɛyɛ fɛ a wahwie ngo agu so de aduhwam afra na ɛbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na sɛ obi de aduan afɔre ayɛyɛde rebrɛ AWURADE a, n'ayɛyɛde no nyɛ asikresam, na ongu so ngo, na ɔmfa ohuamfufu nto so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 2:1
31 Iomraidhean Croise  

ne apiti abodoo ne tetare a wɔagu mu ngo, ne apiti fam a wɔasra ho ngo; awisam na fa yɛ.


Woammrɛ me wo hyew afɔre nguan, na woamfa w’afɔre anhyɛ me anuonyam; mamma woamfa aduan afɔre ansom me, na mamma woammrɛ aduhuam ho;


Na wɔde mo nuanom nyinaa befi amanaman no nyinaa mu abɛyɛ ayɛyɛde ama AWURADE, apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfurumpɔnkɔ ne yoma so, aba me bepɔw kronkron Yerusalem so, AWURADE na ose, sɛnea Israel mma de aduan afɔre a ɛwɔ ade a emu tew mu ba AWURADE fi no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne faako a asɔfo no bɛnoa asodi ho afɔre ne bɔne ho afɔre no, na wɔatoto aduan afɔre no, na wɔamfa amfi adi ankɔ ɛho fam abangua no so ankɔtew ɔman no ho.


Wɔatwa aduan ayɛyɛde ne ahwiesa afi AWURADE fi; na asɔfo, AWURADE asomfo no, di nkɔmmɔ.


Ebia, obi nnim, ɔbɛsakra n’adwene, na wagyaw n’akyi nhyira, a ɛyɛ aduan ayɛyɛde ne ahwiesa a wɔde bɛkyɛ AWURADE mo Nyankopɔn.


Na ɛda a ɛto so awotwe no, ɔmfa nguanten mma abien a wodi mu, ne oguammaabere biako a wadi afe a odi mu, ne aduan afɔre asikresam olonka abupɛn du mu abiɛsa a wɔde ngo afɔtɔw, ne ngo toaa ma biako mmra.


Na fa ohuamfufu kurunnyenn toto akyerɛpɛn no so, na ɛnyɛ abodoo no so nkae ade, ogya afɔre a wɔsɔ ma AWURADE.


Na sɛ ne nsa anso nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien so a, nea ɔmfa nyɛ ne bɔne a ɔyɛe ho ayɛyɛde ne asikresam olonka abupɛn du mu biako, na ɛnyɛ bɔne ho afɔre; ɔmmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ohuamfufu nnto so, efisɛ ɛyɛ bɔne ho afɔre.


Na ɔsɔfo no mpata mma no wɔ AWURADE anim, na wɔde ade biara a wayɛ a odi ho so no bɛkyɛ no.


Na ɔde aduan afɔre no bae, na ɔfaa emu nsa ma hyewee afɔremuka no so kaa anɔpa ɔhyew afɔre no ho.


ne nantwinini ne odwennini mmɛyɛ asomdwoe afɔre, na wɔmfa mmɔ afɔre, AWURADE anim, ne aduan afɔre a wɔagu so ngo, efisɛ ɛnnɛ na AWURADE beyi ne ho akyerɛ mo.


Na efi owia apuei de kosi n’atɔe no me din yɛ kɛse amanaman mu, na wɔhyew aduhuam bɔ afɔre ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛde a ɛho tew ba; na me din yɛ kɛse amanaman mu, asafo Awurade na ose.


Akronkronne mu ade kronkron a efi ogya no mu no mu nea ɛnyɛ wo de ni: wɔn ayɛyɛde biara a wɔde ba, wɔn aduan afɔre biara, ne wɔn bɔne ho afɔre biara ne wɔn asodi ho afɔre biara a wɔde brɛ me no nyɛ akronkronne mu ade kronkron mma wo ne wo mma.


Na fa asikresam olonka abupɛn du mu biako yɛ aduan afɔre a wɔde ngodua aba a wɔasiw ngo susutoa abupɛn anan mu biako afɔtɔw.


ne anantwinini, adwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu;


Na n'ayɛyɛde ne: dwetɛasanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako a ano si nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no amaama;


N'ayɛyɛde a ɔde bae ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama;


Na wɔmfa nantwinini ne ɛho aduan afɔre, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw; na fa nantwinini foforo nso a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre.


Na Yesu see wɔn sɛ: Mene nkwa abodoo no; nea ɔba me nkyɛn no, ɔkɔm renne no da, na nea ogye me di no, osukɔm renne no da.


Na mo de, moanya ɔsra no afi ɔkronkronni no hɔ, na mo nyinaa nim de.


Na mo de, ɔsra a munyae ne nsam no te mo mu, enti enhia mo sɛ obi kyerɛkyerɛ mo; na mmom sɛnea ɔsra no ara kyerɛkyerɛ mo ade nyinaa ho no na ɛyɛ nokware na ɛnyɛ atoro. Na sɛnea akyerɛkyerɛ mo no, montena ne mu!


Na mo, adɔfo de, momfa mo ho nsi mo gyidi kronkron no so mmɔ mpae Honhom Kronkron tumi mu


Na ɔbɔfo foforo ba begyinaa afɔremuka no ho, okura sika huam kuruwa, na wɔmaa no nnuhuam pii, sɛ ɔmfa nka ahotefo nyinaa mpaebɔ ho, sika afɔremuka a esi ahengua no anim no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan