Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 17:4 - KYERƐW KRONKRON

4 na ɔmfa mma ahyiae ntamadan no ano mmɛyɛ ayɛyɛde mma AWURADE wɔ AWURADE tenabea anim no, wobebu mogya agu no so, waka mogya agu, na wobetwa saa onipa no afi ne man mu akyene,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 na ɔmfa mma ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛyɛ ayɛyɛdeɛ mma AWURADE wɔ tenabea anim no, wɔbɛbu mogya agu ne so, waka mogya agu, na wɔbɛtwa saa onipa no afiri ne man mu atwene,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 a anka ɛsɛ sɛ ɔde no ba Ahyiae Ntamadan no ano hɔ de no ma Awurade sɛ afɔrebɔde wɔ Awurade Ahyiae Ntamadan no ano no, wɔbɛfa saa onipa no sɛ wahwie mogya agu enti ɛsɛ sɛ wotwa no asu fi ne manfo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 na ɔmfa mma ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛyɛ ayɛyɛdeɛ mma AWURADE wɔ tenabea anim no, wɔbɛbu mogya agu ne so, waka mogya agu, na wɔbɛtwa saa onipa no afiri ne man mu atwene,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 a anka ɛsɛ sɛ ɔde no ba Ahyiaeɛ Ntomadan no ano hɔ de no ma Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no, wɔbɛfa saa onipa no sɛ wahwie mogya agu enti ɛsɛ sɛ wɔtwa no asuo firi ne manfoɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 na ɔmfa mma ahyiae ntamadan no ano mmɛyɛ ayɛyɛde mma AWURADE wɔ AWURADE tenabea anim no, wobebu mogya agu no so, waka mogya agu, na wobetwa saa onipa no afi ne man mu akyene,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 17:4
30 Iomraidhean Croise  

Na ɔbarima momonoto biara a wontwaa no twetia no, saa onipa no wobetwa no afi ne man mu, wato m'apam.


Nhyira ne onipa a AWURADE mmu n’amumɔyɛ ngu no so, na nnaadaa nni ne honhom mu.


Nnansɔn na munni apiti. Da a edi kan no ara na momma mmɔkaw to ntwa mo afi mu, efisɛ obiara a obedi mmɔkaw abodoo fi da a edi kan no de kosi da a ɛto so ason no, wobetwa saa ɔkra no afi Israel mu.


Nnansɔn na mommma wonnhu mmɔkaw wɔ mo afi mu, efisɛ obiara a obedi abodoo a akaw no, ɔhɔho oo, nea wɔwoo no asase no so oo, wobetwa saa ɔkra no afi Israel asafo mu.


Obiara a ɔbɛfra bi a ɛte sɛ ɛno anaasɛ ɔde bi bɛka ɔhɔho no, wobetwa no afi ne man mu akyene.


Obiara a ɔbɛyɛ bi a ɛte sɛ ɛno ahuam ahwɛ no, wobetwa no afi ne man mu akyene.


Nea okum nantwi no te sɛ nea okum nipa; nea okum guan bɔ afɔre no te sɛ nea obu ɔkraman kɔn mu; nea ɔbɔ aduan afɔre no te sɛ nea ɔde prako mogya ba; nea ɔhyew aduhuam no te sɛ nea ohyira ohoni. Wɔn de, wɔapaw wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyide;


Na me bepɔw kronkron, Israel bepɔw a ɛkorɔn no so, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ɛhɔ na Israel fi nyinaa, wɔn dodow a ɛwɔ asase no so nyinaa bɛsom me; ɛhɔ na wɔbɛsɔ m’ani, na ɛhɔ nso na mebisa mo soma ade ne mo ayɛyɛde mu adikanne, mo akronkronne nyinaa mu.


Sɛ n'ayɛyɛde no yɛ ɔhyew afɔre a efi anantwi mu a, ɔmfa onini a odi mu mmra; ahyiae ntamadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani.


Na obiara a ofi Israel fi anaa ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a odi mogya biara no, mɛma m'ani asa saa ɔkra a odi mogya no, na matwa no afi ne man mu akyene.


Na ɔhonam nyinaa kra de, ne mogya ne ne kra, enti na mise Israelfo sɛ: Munnni nam biara mogya, efisɛ ɔhonam nyinaa kra ne ne mogya; obiara a odi no, wobetwa no akyene.


Obiara a ɔwɔ Israel fi a okum nantwi anaa oguanten anaa abirekyi nsra mu, anaasɛ okum no nsra no akyi,


na ama Israelfo de wɔn afɔre a wokum sare so no abrɛ asɔfo no ama wɔde abrɛ AWURADE, ahyiae ntamadan no ano, na wɔakum abɔ AWURADE asomdwoe afɔre.


na wamfa amma ahyiae ntamadan ano ammɛbɔ amma AWURADE no, wobetwa no afi ne man mu akyene.


Na obiara a ɔbɛyɛ saa akyide yi mu biara no, wobetwa akra a wɔyɛ no afi wɔn aman mu akyene.


Na ɔbea a ɔkɔ aboa biara ho kɔda hɔ ma no no, kum ɔbea no ne aboa no; okum na wonkum wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi.


Na ɔbarima a ɔne ɔbrafo da na oyi n'adagyaw so na obue n'abura ano, na ɔno nso yi ne mogya abura so no, wontwitwa wɔn baanu nyinaa mfi wɔn man mu ngu.


Na me nso mɛma m'ani asa onipa no, na matwa no afi me man mu akyene, efisɛ ɔde ne mma bi ama Molek de agu me kronkronbea no ho fi na wahura me din kronkron no ho.


Na ɔmfa ne nsa nto n'ayɛyɛde no atifi, na onkum no, ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no, asɔfo no, mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia.


Na sɛ obi di n'asomdwoe afɔre nam no bi da a ɛto so abiɛsa no a, ɛrensɔ ani, na wɔremmu mma nea ɔde bae no, ɛyɛ akyide, na ɔkra a obedi bi no bɛsoa ne mmusu.


Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Mene nguan no pon no.


Mene ɔpon no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wobegye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na obefi adi, na obenya adidibea.


Yesu see no sɛ: Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


Sɛnea Dawid nso ka sɛ nhyira no yɛ onipa a Onyankopɔn kwati nnwuma bu trenee ma no no dea,


Na bɔne wɔ wiase ansa na mmara no reba, nso mmara nni hɔ a, wɔmmfa bɔne mmu nkontaa.


Na mmara no de ɛbae sɛ mfomso no nnɔɔso, na nea bɔne adɔɔso no, ɔdom aboro so akyɛn no.


AWURADE, fa firi wo man Israel a woagye wɔn no, na mfa mogya a edi bem ho afobu ngu wo man Israel so; na fa mogya ho bɔne yi firi wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan