Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 13:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ ɔhonam were mu ntotowee no, na ntotowee no so nwi adan fitaa, na ntotowee no atotɔ mu asen ne honam were no a, ɛyɛ kwata ntotowee; na ɔsɔfo no hwɛ no a, ommu no nea ne ho ntew.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ honam wedeɛ mu ntotɔeɛ no, na ntotɔeɛ no so nwi adane fitaa, na ntotɔeɛ no atotɔ mu asene ne honam wedeɛ no a, ɛyɛ kwata ntotɔeɛ; na ɔsɔfoɔ no hwɛ no a, ɔmmu no deɛ ne ho nteɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 na ɔhwɛ kuru no. Sɛ nwi a esi kuru no hɔ dan yɛ fitaa na kuru no atu atɔ ɔhonam no mu a, na ɛyɛ kwata a ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no da no adi sɛ ɔyarefo no yɛ ɔkwatani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ honam wedeɛ mu ntotɔeɛ no, na ntotɔeɛ no so nwi adane fitaa, na ntotɔeɛ no atotɔ mu asene ne honam wedeɛ no a, ɛyɛ kwata ntotɔeɛ; na ɔsɔfoɔ no hwɛ no a, ɔmmu no deɛ ne ho nteɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 na ɔhwɛ ahonoeɛ no. Sɛ enwi a ɛsi ahonoeɛ hɔ dane yɛ fitaa na ahonoeɛ no atɔ honam no mu a, na ɛyɛ kwata a ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no da no adi sɛ ɔyarefoɔ no yɛ ɔkwatani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ ɔhonam were mu ntotowee no, na ntotowee no so nwi adan fitaa, na ntotowee no atotɔ mu asen ne honam were no a, ɛyɛ kwata ntotowee; na ɔsɔfo no hwɛ no a, ommu no nea ne ho ntew.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 13:3
29 Iomraidhean Croise  

Na mede owu mekum ne mma, na asafo no nyinaa ahu sɛ, mene nea ɔhwehwɛ adwene ne koma mu, na mɛma mo mu biara sɛnea mo nnwuma te.


Monkae mo mpanyimfo a wɔaka Onyankopɔn asɛm akyerɛ mo. Monhwɛ wɔn abrabɔ awiei nsua wɔn gyidi.


Na nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa na wɔadaadaa wɔn nso.


Wɔn mu bi ne Himeneo ne Aleksanda a mayi wɔn mama Satan, sɛ wɔntwe wɔn aso na wɔanka abususɛm.


Enti afei yebeka dɛn? Mmara no yɛ bɔne anaa? Dabida, na mmom sɛ ɛnyɛ mmara no nti a, anka minnim bɔne, na sɛ mmara no anka sɛ: Mma w’ani mmmere a, anka minnim akɔnnɔ.


Enti monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa mogya anya wɔn no yiye.


Wɔn a mode wɔn bɔne akyɛ wɔn no, wɔde akyɛ wɔn; na wɔn a moma wɔn bɔne tena hɔ no, wɔama atena hɔ.


Na mede ɔsoro ahenni ano nsafe mɛma wo, na biribiara a wobɛkyekyere asase so no, na wɔakyekyere no ɔsoro, na biribiara a wobɛsan asase so no na wɔasan no ɔsoro.


Na ɛsɛ sɛ asɔfo ano kora nimdeɛ, na wɔyɛ nhwɛso pa ma afoforo; mmara no nso wodi so, efisɛ asafo Awurade bɔfo ne mo.


Sɛ asafo Awurade se ni: Bisa asɔfo no kasakyerɛ sɛ:


Ahɔho adi n’ahoɔden, nso onnim; dwen nso ahura ne tirim, nso onnim.


Na wɔnkyerɛkyerɛ me man akronkronne ne nea abu so ntam nsonoe, na wɔmma wonhu nea ɛho wɔ fi ne nea ɛho tew ntam nsonoe.


Wo koma ayɛ gorɔw dɛn ara, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, sɛ woyɛɛ eyinom a ɛyɛ ɔbea aguaman a ɔso ne ti nneyɛe no nyinaa!


Sɛ biribi ba onipa honam were mu, sɛ ɔsoa oo, ntwintwamee oo, atape oo, na edidi ne honam were mu yɛ kwata ntotowee a, wɔmfa no mmrɛ ɔsɔfo Aaron anaa ne mma, asɔfo no mu biako.


na moahu ade kronkron ne ade a ɛnyɛ kronkron, ne ade a ɛho tew, ne nea ɛho ntew, ntam nsonoe,


Na odii atutena fi negeb koduu Betel, nea kan ne ntamadan si no, wɔ Betel ne Ai ntam,


Na sɛ ɛyɛ ne honam were mu atape fitaa, na sɛ wɔhwɛ na ɛntotɔɔ mu nsen ne were no, na ɛso nwi nnan fitaa a, ɛnne ɔsɔfo no nto ɔyarefo no mu nnansɔn.


anaasɛ sɛ ɔka onipa ho fi bi, na sɛ afide a ama onii ko ho agu fi no te dɛn ara, na onnim mpo a, sɛ akyi no ohu a, odi so.


na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na hwɛ, ntwintwamee no ayerɛw were no mu a, ɔsɔfo no mmu no nea ne ho ntew; ɛyɛ kwata.


Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na hwɛ, ɔsoa fitaa bi wɔ were no mu a adan nwi no fitaa, na anammono repuw nsoae no mu a,


Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ ɛhɔ atotɔ mu asen were no na emu nwi adan fitaa a, ɔsɔfo no mmu no nea ne ho ntew; ɛyɛ kwata ntotowee, apue wɔ pobia no mu.


Na ɔsɔfo no hwɛ ntotowee no, na sɛ ntotowee no wɔ ofi no fasu ho, nkekae apopobibiri anaa akɔkɔɔ, na ani atotɔ mu asen ɔfasu no a,


Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma kwata ntotowee nyinaa ne ntutui,


ne ɔsoa ne ntwintwamee ne atape,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan