Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 11:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Munnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu; wɔn ho ntew mma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Monnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu; wɔn ho nte mma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Monnnwe wɔn nam anaa mommfa mo nsa nka wɔn funu; wɔn ho ntew mma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Monnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu; wɔn ho nte mma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Monnnwe wɔn nam anaa mommfa mo nsa nka wɔn funu; wɔyɛ akyiwadeɛ nnuane ma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Munnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu; wɔn ho ntew mma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 11:8
22 Iomraidhean Croise  

Montwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, monnka ade a ɛho ntew; mumfi adi mfi ne mu, montew mo ho, mo a mosoa AWURADE nnwinne no.


Wɔrentena AWURADE asase so, na Efraim bɛsan akɔ Misraim, na wobedi nea ɛho ntew wɔ Asiria.


ne prako efisɛ ne tɔte mu apae koraa de, nanso ompuw nwesaw, ne ho ntew mma mo.


Eyi ne nea munni nea ɛwɔ nsu mu nyinaa mu: Nea ɛwɔ ntɛtɛw ne abon, nsu mu, ɛpo ne nsuwansuwa mu, ɛnonom na munni.


anaasɛ sɛ obi ka afide biara, sɛ aboa bi a ne ho ntew funu, anaa afieboa bi a ne ho ntew funu, anaa aboaa bi a ne ho ntew funu, na onnim mpo a, ne ho agu fi, na odi so;


Ɛnyɛ nea ɛkɔ anom na egu onipa ho fi, na mmom nea efi anom ba na egu onipa ho fi.


Eyinom ne nneɛma a egu onipa ho fi; na wɔde nsa a wɔanhohoro didi a, engu onipa ho fi.


Biribiara nni onipa ho a ɛkɔ no mu a ebetumi agu ne ho fi.


Na osee wɔn sɛ: Mo nso munni ntease sɛɛ? Munhu sɛ ade biara a efi onipa ho na ɛkɔ no mu no ntumi ngu ne ho fi anaa?


Na wohuu n’asuafo bi sɛ wɔde wɔn nsa fi, ɛne sɛ, nsa a wɔanhohoro, redidi.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara munim sɛnea Yudani nni ho kwan sɛ ɔde ne ho bɔ ɔnanani ho anaasɛ ɔkɔ ne nkyɛn; na me de, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ memmfrɛ onipa bi sɛ ɔmfra anaasɛ ne ho ntew.


sɛ munyi mo ho mfi nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui ne aguamammɔ mu; ɛno na sɛ muyi mo ho fi ho a, eye. Yekyia mo.


Eye sɛ wunni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua.


Na aduan nkamfo yɛn mma Nyankopɔn; na ɛnyɛ sɛ yedi a, yɛbɛyɛ ma, anaasɛ yenni a, yɛbɛtɔ sin.


Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho mfi wɔn mu, Awurade na ose, na monnka nea ɛyɛ fi; na me nso magye mo,


Na monnyɛ esum nnwuma a ɛnsow aba no bi, na mmom mompa ho ntama!


Enti mo ne wɔn nnni twaka.


Enti mommma obi mmmu mo atɛn aduan anaa anonne anaa afahyɛ anaa ɔsram foforo anaa home nna fam,


na ɛne nnuan ne anonne ne aguare horow yɛ ɔhonam nsiesiei nko a ɛda hɔ sɛ wɔnyɛ nkodu bere a wɔahyɛ ato hɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan