Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 11:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ntɔteboa mu wɔn a wɔwɔ tɔte a emu apae na wɔn tɔte mu apae koraa, na wopuw nea wɔadi wesaw no, ɛno na munni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ntɔteboa mu wɔn a wɔwɔ tɔte a emu apaeɛ na wɔn tɔte mu apae koraa, na wɔpu deɛ wɔadie wesa no, ɛno na monnie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mutumi we aboa biara a ne tɔte mu apae kosi nea opuw wosaw so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Ntɔteboa mu wɔn a wɔwɔ tɔte a emu apaeɛ na wɔn tɔte mu apae koraa, na wɔpu deɛ wɔadie wesa no, ɛno na monnie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Motumi we aboa biara a ne tɔte mu apae na ɔpu wesa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ntɔteboa mu wɔn a wɔwɔ tɔte a emu apae na wɔn tɔte mu apae koraa, na wopuw nea wɔadi wesaw no, ɛno na munni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 11:3
17 Iomraidhean Croise  

Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho mfi wɔn mu, Awurade na ose, na monnka nea ɛyɛ fi; na me nso magye mo,


Eyinom ho na bɔ mmɔden, eyinom mu na keka wo ho, na wo nkɔso ada adi ade nyinaa mu.


Nso Yudafo a ɛwɔ ha no yɛ animdefo sen wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, efisɛ woyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa wɔhwehwɛ kyerɛwsɛm no mu sɛ nneɛma no te saa anaa.


Munnyaw ntetekwaa na munnya nkwa, na monnantew nhumu kwan so.


Sɛ nyansa ba wo koma mu, na nimdeɛ sɔ wo kra ani a,


Monkasa nkyerɛ Israelfo sɛ: Eyinom ne mmoa a munni wɔ asase so mmoa nyinaa mu:


Eyinom nko na munnni, wɔn a wopuw wesaw anaa wɔn tɔte mu apae mu: yoma, efisɛ opuw wesaw de, nanso ne tɔte mu mpae, enti ne ho ntew mma mo;


ne atwaboa, efisɛ opuw wesaw de, nanso ne tɔte mu mpae, ne ho ntew mma mo;


ne adanko, efisɛ opuw wesaw de, nanso ne tɔte mu mpae, ne ho ntew mma mo;


ne prako efisɛ ne tɔte mu apae koraa de, nanso ompuw nwesaw, ne ho ntew mma mo.


Ntɔteboa a wɔn tɔte mu apae, nanso emu nwie pae na wompuw nwesaw no nyinaa ho ntew mma mo; obiara a ɔka wɔn no, ne ho ntew.


Na atɔteboa biara a ɔwɔ tɔte a emu apae, na ne tɔte mu apae nta abien, na opuw wesaw, mmoa mu no, ɔno na munni.


ne prako nso, efisɛ ne tɔte mu apae de, nanso ompuw nwesaw: Ne ho ntew mma mo. Munnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan