Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




3 Mose 1:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Sɛ n'ayɛyɛde no yɛ ɔhyew afɔre a efi anantwi mu a, ɔmfa onini a odi mu mmra; ahyiae ntamadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛfiri anantwie mu a, ɔmfa onini a ɔdi mu mmra; ahyiaeɛ ntomadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “ ‘Sɛ mo ɔhyew afɔrebɔde no yɛ nantwi a ofi mo nantwibuw mu a, momfa nantwi a onnii dɛm na ɛmmɔ saa afɔre no sɛnea ɛbɛsɔ Awurade ani. Fa aboa no kɔ Ahyiae Ntamadan no pon ano na ɛhɔ na asɔfo no begye wʼayɛyɛde a wode rebrɛ Awurade no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛfiri anantwie mu a, ɔmfa onini a ɔdi mu mmra; ahyiaeɛ ntomadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “ ‘Sɛ mo afɔrebɔdeɛ a mode rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no yɛ nantwie a ɔfiri mo nantwibuo mu a, momfa nantwie a ɔnnii dɛm na mommɔ saa afɔdeɛ no sɛdeɛ ɛbɛsɔ Awurade ani. Fa aboa no kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano na ɛhɔ na asɔfoɔ no bɛgye wʼayɛyɛdeɛ a wode rebrɛ Awurade no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Sɛ n'ayɛyɛde no yɛ ɔhyew afɔre a efi anantwi mu a, ɔmfa onini a odi mu mmra; ahyiae ntamadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




3 Mose 1:3
79 Iomraidhean Croise  

Na Abraham maa n'ani so, na ohui, na hwɛ, odwennini a ɔdɔtɔ aso ne mmɛn mu wɔ n'akyi; na Abraham kɔfaa odwennini no de no sii ne ba no ananmu bɔɔ ɔhyew afɔre.


Na ɔkae sɛ: Fa wo ba, wo ba koro a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ hɔ, wɔ mmepɔw no mu biako a mɛkyerɛ wo so.


Na Abraham se: Me ba, Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛ ɔhyew afɔre aguammaa no. Na wɔn baanu kɔe.


Na Noa sii afɔremuka maa AWURADE, na ɔfaa ntɔteboa a wɔn ho tew nyinaa mu bi ne nnomaa a wɔn ho tew nyinaa mu bi de wɔn bobɔɔ ɔhyew afɔre wɔ muka no so.


Na ɔhyew afɔre a bagua no de bae no ano si anantwi aduɔsɔn, adwennini ɔha, nguammaa ahannu. Eyi nyinaa wɔde bɔɔ AWURADE ɔhyew afɔre.


Na woyii ɔhyew afɔre no sɛ wɔde rema ɔman mma no mpanyimfi nkyekyem no, sɛ wɔmfa nkɔma AWURADE sɛ wɔakyerɛw Mose nhoma mu no, ne anantwi no nso saa ara.


Wo man beyi wɔn yam koraa aba, wo koda no, adurade kronkron mu, wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam.


Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ, na wo mmara wɔ me komam.


Oguammaa a onni dɛm na momfa, onini a wadi afe wɔ nguanten anaa mmirekyi mu.


Na ɔsomaa Israelfo no mu mmerante na wɔde anantwinini kɔbɔɔ ɔhyɛw afɔre ne asomdwoe afɔre maa AWURADE.


Na hyew odwennini mu no nyinaa afɔremuka no so. Ɛyɛ AWURADE hyew afɔre, ade a eyi hua huamhuam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔre.


Na fa Aaron ne ne mma no bra ahyiae ntamadan no ano, na fa nsu guare wɔn.


Ɛnyɛ daa hyew afɔre mo awo ntoatoaso nyinaa mu a mommɔ no ahyiae ntamadan no ano, AWURADE anim, nea me ne mo behyia na me ne wo akasa hɔ.


Na wotuaa ahema bobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre; na ɔman no tenaa ase didi nomee, na wɔsɔre gorui.


Na wɔbae, obiara a ne koma kanyan no, ne obiara a ne honhom kaa no, na wɔde AWURADE soma afɔrebɔde bae sɛ wɔmfa nyɛ ahyiae ntamadan no ne ɛho som nneɛma nyinaa ne ntade kronkron no.


Na Israelfo mu mmarima ne mmea nyinaa a wɔn koma kaa wɔn sɛ wɔmfa nnwuma a Awurade nam Mose so hyɛe sɛ wɔnyɛ no ho biribi mmra no de ayamye ayɛyɛde brɛɛ Awurade.


Munyi soma afɔrebɔde wɔ mo mu mmrɛ AWURADE; obiara a ne koma ka no mfa soma afɔrebɔde mmrɛ AWURADE: sika ne dwetɛ ne kɔbere,


Na wogyee soma afɔrebɔde a Israelfo de bae sɛ wɔmfa nyɛ kronkronbea som ho adwuma no nyinaa Mose anim sɛ wɔde bɛyɛ. Na wɔkɔɔ so ara de ayamye ayɛyɛde brɛɛ no daa anɔpa.


Na ɔde ɔkanto yɛɛ ɔhyew afɔremuka no, ne tenten basafa abien ne fa ne ne tɛtrɛtɛ basafa abien ne fa, ɛyɛ ahinanan, na ne sorokɔ yɛ basafa biako ne fa.


Mo afɔre dodow yɛ me dɛn? AWURADE na ose. Adwennini hyew afɔre ne nyɛmmoa srade afono me, na anantwi ne nguammaa ne mpapo mogya, ɛnsɔ m’ani.


Na me bepɔw kronkron, Israel bepɔw a ɛkorɔn no so, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ɛhɔ na Israel fi nyinaa, wɔn dodow a ɛwɔ asase no so nyinaa bɛsom me; ɛhɔ na wɔbɛsɔ m’ani, na ɛhɔ nso na mebisa mo soma ade ne mo ayɛyɛde mu adikanne, mo akronkronne nyinaa mu.


Na ɔponkɛse no ntwironoa no mu no, apon abien sisi ha na abien nso sisi ha, na ɛho na wokum ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre ne asodi afɔre;


Na sɛ n'ayɛyɛde no fi nguan mu, nguanten anaa mmirekyi mu, na ɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre a, onini a odi mu na ɔmfa mmra.


Na ɛda a ɛto so awotwe no, ɔmfa nguanten mma abien a wodi mu, ne oguammaabere biako a wadi afe a odi mu, ne aduan afɔre asikresam olonka abupɛn du mu abiɛsa a wɔde ngo afɔtɔw, ne ngo toaa ma biako mmra.


Na ɔmfa mpapo abien no mmegyina AWURADE anim, ahyiae ntamadan no ano.


na ɔmfa mma ahyiae ntamadan no ano mmɛyɛ ayɛyɛde mma AWURADE wɔ AWURADE tenabea anim no, wobebu mogya agu no so, waka mogya agu, na wobetwa saa onipa no afi ne man mu akyene,


Na wɔn de, ka kyerɛ wɔn sɛ: Obiara a ofi Israel fi anaa ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre anaa okum afɔre bi,


na wamfa amma ahyiae ntamadan ano ammɛbɔ amma AWURADE no, wobetwa no afi ne man mu akyene.


Na ɛda a muhim efi no, momfa oguanten ba a odi mu a wadi afe mmɔ ɔhyew afɔre mma AWURADE,


Na momfa nguanten mma ason a wodi mu a wɔadi afe afe ne nantwiforo biako ne adwennini abien nka abodoo no ho; wɔnyɛ AWURADE ɔhyew afɔre, ne ɛho aduan afɔre ne ahwiesa, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.


Na sɛ obi ayɛyɛde yɛ asomdwoe afɔre, na anantwi no bi na ɔde reba a, onini oo, ɔbere oo, nea odi mu na ɔmfa no mmra AWURADE anim.


Na asafo no mu mpanyimfo mfa wɔn nsa ngu nantwinini no atifi, na wonkum nantwi no, AWURADE anim.


ɛnne ɔmfa n'ayɛyɛde a ɛyɛ ɔpapo a odi mu mmra;


sɛ nso ɛyɛ ɔsɔfo a wɔasra no (ɔsɔfopanyin) yɛ bɔne ma ɔman no di so a, ɛnne ne bɔne a ɔyɛe nti ma ɔmfa nantwi ba onini a odi mu mmrɛ AWURADE mmɛbɔ bɔne ho afɔre.


Na sɛ ɔde oguammaa bɛyɛ n'ayɛyɛde aba abɛbɔ bɔne ho afɔre a, ɔmfa ɔbere a odi mu mmra;


Sɛ obi anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a ɛyɛ kusumdi AWURADE akronkronne ho a, ɛnne n'asodi afɔre a ɔmfa mmrɛ AWURADE ne odwennini a odi mu, sɛnea wobɛbɔ ne bo, dwetɛ nnwetɛbona mu, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; na ɛnyɛ asodi ho afɔre.


na ɔmfa odwennini a odi mu mmrɛ ɔsɔfo no, sɛnea wɔbɛbɔ ne bo, na ɛnyɛ asodi ho afɔre; na ɔsɔfo no mpata mma no, ɔfom a wafom na wanhu no ho, na wɔde bɛkyɛ no.


Sɛ obi yɛ bɔne di AWURADE kusum sɛ ɔsan ne yɔnko ade bi a ɔde ama no asie anaasɛ ɔde ahyɛ ne nsa, anaasɛ ɔbɔ korɔn, anaasɛ odi ne yɔnko amim,


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


Na sɛ n'ayɛyɛde no yɛ bɔhyɛ anaa ayamye ayɛyɛde a, wonni no da a ɔbɔ n'afɔre no, na sɛ ade kye bi so a, wonni ara;


Na ɔde ɔhyew afɔre dwennini no bae, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no atifi.


na n'ayamde ne ne nnyawa no, ɔde nsu hohoroo ho; na Mose too odwennini mu no nyinaa mu gya, afɔremuka no so, ɔhyew afɔre a eyi hua huamhuam ne no, AWURADE gya afɔre ne no, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.


na ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa nantwi ba a wode bɛyɛ bɔne ho afɔre ne odwennini a wode bɛyɛ ɔhyew afɔre, wonni mu, na fa bra AWURADE anim.


Afoa, sɔre hyɛ me guanhwɛfo ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo Awurade asɛm ni; bɔ oguanhwɛfo no, na nguan no mpete, na mɛdan me nsa aba nkumaa no so.


Na wɔadome nea osisi, nea ɔde onini a odi mu wɔ ne nguankuw mu hyɛ bɔ, na ɔde nea asɛe bɔ Awurade afɔre no; efisɛ ɔhenkɛse ne me, asafo Awurade na ose, na me din ho yɛ hu, amanaman mu.


na morebɔ ogya afɔre a efi anantwi anaa nguan mu ama AWURADE a, sɛ ɛyɛ ɔhyew afɔre anaa okum afɔre a mode reyɛ aboade, anaa ɛyɛ ayamye afɔre anaa mo afahyɛ ase de, sɛ morema ayi hua huamhuam ama AWURADE a,


Na sɛ nantwi ba na wode rebɛbɔ ɔhyew afɔre anaa okum afɔre de ayɛ aboade, anaasɛ wode rebɛbɔ asomdwoe afɔre ama AWURADE a,


Eyi ne mmara mu ahyɛde a AWURADE ahyɛ sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo sɛ wɔmfa nantwibere kɔkɔɔ a odi mu a onni dɛm a kɔndua nkɔɔ no so pɛn mmrɛ wo;


Onyankopɔn nyɛ onipa, na wadi atoro, anaa onipa ba, na wanu ne ho. So ɔno de, ɔbɛka asɛm bi na ɔrenyɛ, anaasɛ ɔbɛkasa na ɔremma entim?


Na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Bra na memfa wo menkɔ baabi foforo, ebia ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani sɛ wobɛdome wɔn ama me wɔ hɔ.


Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Kogyina wo hyew afɔre no ho, na menkɔ: ebia AWURADE behyia me, na ade ko a ɔbɛma mahu no, mɛka makyerɛ wo. Na osiim kɔɔ koko pataa bi so.


Na Balak yɛe sɛ Bileam kae no, na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka biara so.


Na mo asram foforo asefi nso, momfa ɔhyew afɔre mmrɛ AWURADE: anantwinini abien ne odwennini biako, nguanten mma ason a wɔadi afe afe a wodi mu.


na momfa ogya afɔre a ɛyɛ ɔhyew afɔre mmrɛ AWURADE: anantwinini abien ne odwennini biako ne nguanten mma ason a wɔadi afe afe; monhwɛ sɛ wodi mu;


monyɛ eyi ne ɛho ahwiesa no nka daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre no so; monhwɛ sɛ wodi mu.


Na momfa ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam mmrɛ AWURADE: anantwinini dumiɛnsa, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu;


Na mommɔ ɔhyew afɔre a eyi hua huamhuam mma AWURADE: nantwinini biako, odwennini biako, nguanten mma a wɔadi afe afe ason a wodi mu;


Na ɔbɔfo no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Nea Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwo no, wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn ba.


Na ohuu Yesu a ɔnenam hɔ no, ɔkae sɛ: Hwɛ, Onyankopɔn guammaa no ni.


Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Mene nguan no pon no.


Mene ɔpon no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wobegye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na obefi adi, na obenya adidibea.


Na sɛ koma a ɛpɛ wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛnea onii no wɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea onni.


Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.


efisɛ ɔno so na yɛn baanu nyinaa nam honhom biako mu anya ɔkwan kɔ Agya no nkyɛn.


na ɔde asafo no asi hɔ anuonyam mu a nkekae anaa mpomponoe anaa eyinom biara nni ho, na mmom ayɛ kronkron a dɛm nso nni ho.


na fa nam ne mogya no bɔ wo hyew afɔre, AWURADE wo Nyankopɔn afɔremuka so, na wonhwie w’afɔre no mogya ngu AWURADE wo Nyankopɔn afɔremuka no so, na nam no de, di.


Na sɛ dɛm bi wɔ ne ho, ɔtɔ apakye anaasɛ n’ani afura, anaasɛ dɛmmɔne biara wɔ ne ho a, mfa no mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔre;


Mfa nantwi anaa oguan a ne ho wɔ dɛm anaa adebɔne biara mmɔ afɔre mma AWURADE wo Nyankopɔn, efisɛ ɛyɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyide.


Na ɔsɔfo panyin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panyin yi a ne ho tew, onni bɔne, ne ho nni nkekae, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho, na wɔama no so akyɛn ɔsoro.


mpɛn ahe ara na Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔre, a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rentew mo ahonim ho mfi nnwuma funu mu nkɔsom Onyankopɔn a ɔte ase?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan