Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 9:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: So obi nni hɔ bio Saul fi a mede Onyankopɔn adɔe mɛyɛ no? Na Siba se: Yonatan babarima bi da so wɔ hɔ a ne nan asinsen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Obi nni Saulo fie bio a mede Nyankopɔn adɔeɛ bɛyɛ no anaa? Na Siba se: Yonatan babarima bi da so wɔ hɔ a ɔyɛ apakye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔhene no bisaa no se, “Obi aka wɔ Saulo fi ana? Sɛ ɛte saa a mepɛ sɛ mɛyɛ wɔn adɔe a efi Onyankopɔn wɔ ɔkwan biara a metumi so.” Siba buaa ɔhene se, “Yonatan babarima obubuafo bi da so wɔ hɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Obi nni Saulo fie bio a mede Nyankopɔn adɔeɛ bɛyɛ no anaa? Na Siba se: Yonatan babarima bi da so wɔ hɔ a ɔyɛ apakye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔhene no bisaa no sɛ, “Obi aka wɔ Saulo efie anaa? Sɛ ɛte saa a mepɛ sɛ mɛyɛ wɔn adɔeɛ a ɛfiri Onyankopɔn wɔ ɛkwan biara a mɛtumi so.” Siba buaa ɔhene sɛ, “Yonatan babarima obubuafoɔ bi da so wɔ hɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: So obi nni hɔ bio Saul fi a mede Onyankopɔn adɔe mɛyɛ no? Na Siba se: Yonatan babarima bi da so wɔ hɔ a ne nan asinsen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 9:3
11 Iomraidhean Croise  

Na ose: Me wura ɔhene, m’akoa na ɔdaadaa me; na w’akoa kae sɛ: Mɛhyehyɛ afurum matena no so makɔ ɔhene nkyɛn, efisɛ w’akoa yɛ apakye.


Na obetwirii w’akoa maa me wura ɔhene. Na me wura ɔhene te sɛ Onyankopɔn bɔfo, enti yɛ nea eye w’ani so.


Na Saul ba Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ne nan abien asinsen. Saul ne Yonatan ho asɛm no fi Yesreel bae no na wadi mfe anum na ne gyigyefo maa no so guanee. Na ɔreyɛ ntɛm aguan no, ɔhwee ase na ɔtɔɔ apakye. Na ne din de Mefiboset.


Na Mefiboset tenaa Yerusalem, na ɔhene pon so na odidi daa yi. Na ɔtɔ ne nan abien so apakye.


Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na w’agya Yonatan nti mɛyɛ wo adɔe na madan w’agya Saul asase nyinaa mama wo na woadidi me pon so daa yi.


Enti monyɛ timmɔbɔ sɛnea mo agya nso yɛ timmɔbɔ no.


Nanso w’agyanom nko na AWURADE bata wɔn ho sɛ ɔbɛdɔ wɔn, na wapaw wɔn asefo a wodi wɔn akyi a ɛne mo, afi aman nyinaa mu, sɛ ɛte nnɛ yi.


Na esiane sɛ ɔdɔ w’agyanom nti, wapaw wɔn asefo a edi wɔn akyi, na ɔde n’anim ne ne tumi kɛse ayi wo afi Misraim,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan