Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 8:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Dawid kaa Soba hene Rehob ba Hadadeser gui, bere a ɔkɔe sɛ okogye ne nsaase a ɛwɔ asubɔnten Eufrate ho no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Dawid kaa Sobahene Rehob ba Hadadeser nso gui, ɛberɛ a ɔkɔɔ sɛ ɔrema ne tumi akɔso Asubɔntene Eufrate ho no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Dawid sɛe Rehob babarima Hadadeser a na odi hene wɔ Soba no akofo, bere a Hadadeser kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho, pɛe sɛ ɔkɔhyɛ ne nniso mu den no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Dawid kaa Sobahene Rehob ba Hadadeser nso gui, ɛberɛ a ɔkɔɔ sɛ ɔrema ne tumi akɔso Asubɔntene Eufrate ho no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Dawid sɛe Rehob babarima Hadadeser a na ɔdi ɔhene wɔ Soba no akɔdɔm, ɛberɛ a Hadadeser kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho, pɛɛ sɛ ɔkɔhyɛ ne nnisoɔ mu den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Dawid kaa Soba hene Rehob ba Hadadeser gui, bere a ɔkɔe sɛ okogye ne nsaase a ɛwɔ asubɔnten Eufrate ho no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 8:3
15 Iomraidhean Croise  

Da no ara na AWURADE ne Abram pamee sɛ: W'asefo na mede asase yi mama wɔn, efi Misraim asubɔnten ho de kosi asubɔnten kɛse, Eufrate asubɔnten, no so:


Na Siriafo hui sɛ wɔagu Israel anim no, wɔboaboaa wɔn ho ano faako.


Na Hadadeser soma kɔfaa Siriafo a wɔwɔ asuogya no bae na wɔbaa Helam. Na Hadadeser sahene Sobak dii wɔn anim.


Na ahemfo a wɔyɛ Hadadeser nkoa no nyinaa hui sɛ wɔagu Israel anim no wɔne Israel yɛɛ asomdwoe apam na wɔsom wɔn. Na Siriafo suroe sɛ wɔbɛboa Amonfo no bio.


Na Amonfo no hui sɛ wɔn ho abɔn Dawid no, Amonfo no soma kɔbobɔɔ Bet-rehob Siriafo ne Soba Siriafo paa, anammɔnmufo ɔpeduonu ne Maaka hene nnipa apem ne Tob mmarima ɔpedumien.


Natan ba Yigal a ofi Soba, Gadni Bani,


Na Solomon dii ahenni nyinaa so fi asubɔnten Eufrate ano kosi Filistifo asase so ne Misraim hye so. Wɔde ayɛyɛde ba na wɔsom Solomon ne nkwa nna nyinaa.


Na Dawid kum Soba hene Hadadeser de kosii Hamat, ne kɔ a ɔkɔe sɛ ɔde ne nsa rekosi Eufrate asubɔnten ano no mu.


Na Solomon siim kɔɔ Hamat-soba kodii so.


Onyankopɔn, woasum yɛn agu, woabɔ yɛn apansam, wo bo afuw; ma yɛn ho mmra yɛn ho bio.


Obedi hene afi po so akosi po so, de afi asubɔnten no so akosi asase ano.


Na metwa wo hye mafi mmɛw po ano akosi Filistifo po ano, na afi sare so akosi asu no ano; na meyi asase no sofo mahyɛ mo nsa na woapam wɔn afi w'anim.


Baabiara a mo nan betia no bɛyɛ mo de, efi sare so ne Lebanon, efi asu no, asubɔnten Eufrate, ho kosi akyiri po no ano bɛyɛ mo asase.


Na Saul dii Israel so hene no, ɔne n’atamfo nyinaa kɔko hyiae: Ɔne Moab ne Amonfo ne Edom ne Soba ahene ne Filistifo koe; na baabiara a ɔdan ne ho kɔ no, odi nim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan