Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 8:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔkaa Moab nso gui na ɔma wɔdedaa fam, de susuhama susuw wɔn; na osusuw ahama abien sɛ wonkum wɔn, ne hama biako a edu pɛpɛɛpɛ sɛ wɔntena ase. Na Moab yɛɛ Dawid nkoa a wɔsoa ayɛyɛde ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔkaa Moab nso gui, na ɔmaa wɔdedaa fam akuo mmiɛnsa. Na wɔkumm nnipa akuo no mu mmienu, na wɔgyaa ekuo baako sɛ wɔntena ase. Na Moabfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua apeatoɔ ma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Dawid san dii Moabfo so. Ɔmaa nnipa no dedaa fam, na ɔde hama susuw wɔn. Osusuw hama no abien a, na wakyerɛ sɛ wonkum saa nnipa no. Ɛnna osusuw hama no baako a, na wakyerɛ sɛ wonnyaa saa nkurɔfo no. Enti Moabfo a wonyaa wɔn ti didii mu no bɛyɛɛ Dawid asomfo a na afe biara woyi tow brɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔkaa Moab nso gui, na ɔmaa wɔdedaa fam akuo mmiɛnsa. Na wɔkumm nnipa akuo no mu mmienu, na wɔgyaa ekuo baako sɛ wɔntena ase. Na Moabfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua apeatoɔ ma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Dawid sane dii Moabfoɔ so. Ɔmaa nnipa no dedaa fam, na ɔde ahoma susuu wɔn. Ɔsusu ahoma no mmienu a, na wakyerɛ sɛ wɔnkum saa nnipa no. Ɛnna ɔsusu ahoma no baako a, na wakyerɛ sɛ wɔnnyaa saa nkurɔfoɔ no. Enti, Moabfoɔ a wɔnyaa wɔn ti didii mu no bɛyɛɛ Dawid asomfoɔ a na afe biara wɔyi ɛtoɔ brɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔkaa Moab nso gui na ɔma wɔdedaa fam, de susuhama susuw wɔn; na osusuw ahama abien sɛ wonkum wɔn, ne hama biako a edu pɛpɛɛpɛ sɛ wɔntena ase. Na Moab yɛɛ Dawid nkoa a wɔsoa ayɛyɛde ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 8:2
22 Iomraidhean Croise  

Na ɔde ɔman a wɔwɔ mu no fi bae, na ɔma wɔde sradaa ne fatudade ne dade mmonnua yɛɛ adwuma na wɔyɛɛ ntayaa fononoo ho adwuma dennen. Na sɛɛ na ɔde yɛɛ Amonfo nkurow nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa san baa Yerusalem.


Ɛnna Dawid de bansifo kɔtenaa Damasko a ɛwɔ Aram, na Siriafo yɛɛ Dawid nkoa a wɔsoa ayɛyɛde ba. Na AWURADE boaa Dawid ma odii nim nea ɔkɔe nyinaa.


Na Solomon dii ahenni nyinaa so fi asubɔnten Eufrate ano kosi Filistifo asase so ne Misraim hye so. Wɔde ayɛyɛde ba na wɔsom Solomon ne nkwa nna nyinaa.


Na Ahab wu akyi no, Moab tew Israel so atua.


Ɔno so na Asaria hene Salmaneser bae, na Hosea yɛɛ no akoa, na ɔmaa no ayɛyɛde.


Na okunkum Moabfo nso, na Moabfo dan Dawid nkoa a wɔsoa ayɛyɛde ba.


Na Amonfo de ayɛyɛde brɛɛ Usia, na ne din hyehye koduu Misraim, na ne ho yɛɛ den kɔɔ so pa ara.


Moab yɛ me guasɛn, Edom so na mɛtow me mpaboa magu, Filistia so na mɛbɔ ose.


Ananafo twintwamee, na wɔde ahopopo fifii wɔn hintabea bae.


Ɛnyɛ wo, Nyankopɔn, na woasum yɛn agu yi, na wo, Nyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ?


Moab yɛ me guasɛn, Edom so na mɛtow me mpaboa magu, me nti Filistifo asase teɛteɛm.


Edom ntamadan ne Ismaelfo, Moab ne Hagarfo,


Munntie Hesekia! Na sɛ Asaria hene se ni: Mo ne me nni asomdwoesɛm, na mumfi mmra me nkyɛn; ɛno na mo mu biara bedi n’ankasa ne bobe ne n’ankasa ne borɔdɔma, na wanom n’abura mu nsu


Mihu no, nso ɛnyɛ mprempren, mehwɛ no, nso ɔmmɛn: Nsoromma bepue Yakob mu, na ahempoma befi Israel mu asɔre, na wadwerɛw Moab afanan nyinaa na wabubu ɔko huuyɛ mma no nyinaa.


Na nnipahunu bi kae sɛ: Oyi bɛyɛ dɛn na wagye yɛn? Na wobuu no animtiaa, na wɔamfa ayɛyɛde ammrɛ no. Nanso ɔyɛɛ sɛ nea ɔnte.


Na Saul dii Israel so hene no, ɔne n’atamfo nyinaa kɔko hyiae: Ɔne Moab ne Amonfo ne Edom ne Soba ahene ne Filistifo koe; na baabiara a ɔdan ne ho kɔ no, odi nim.


Na Dawid fii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab, na ɔka kyerɛɛ Moab hene sɛ: Mesrɛ wo, ma m’agya ne me na mmɛtena mo nkyɛn nkosi sɛ mehu nea Onyankopɔn bɛyɛ me ansa.


Na ogyaw wɔn Moab hene no nkyɛn, na wɔtenaa ne nkyɛn nna a Dawid wɔ bepɔw so atenae hɔ nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan