Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 8:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na eyi akyi no, Dawid toaa Filistifo no na ɔbrɛɛ wɔn ase na Dawid gyee Meteg-amma ahenkurow no sodi fii Filistifo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na yei akyiri no, Dawid ko dii Filistifoɔ so, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na Dawid gyee Metegamma firii Filistifoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Akyiri no, Dawid dii Filistifo no so, brɛɛ wɔn ase. Ɔko gyee Gat a ɛyɛ wɔn kuropɔn kɛse no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na yei akyiri no, Dawid ko dii Filistifoɔ so, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na Dawid gyee Metegamma firii Filistifoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Akyire yi, Dawid dii Filistifoɔ no so, brɛɛ wɔn ase. Ɔko gyee Gat a ɛyɛ wɔn kuropɔn kɛseɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na eyi akyi no, Dawid toaa Filistifo no na ɔbrɛɛ wɔn ase na Dawid gyee Meteg-amma ahenkurow no sodi fii Filistifo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 8:1
14 Iomraidhean Croise  

Na ɔman no nyinaa kasakasae Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ: Ɔhene na ogyee yɛn fii yɛn atamfo nsam, na ɔno na oyii yɛn Filistifo nsam, na afei Absalom nti waguan afi asase yi so.


Na Yoab ne Abisai tiw Abner. Na owia kɔtɔe no na, wɔadu Amma koko a ɛda Gia anim Gibeon sare so kwan ho no so.


Wuyii me fii m’amanko mu, woahwɛ me sɛ meyɛ amanaman ti. Ɔman a minnim wɔn na ɛsom me.


Na Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid de no asi Israel so hene no, Filistifo nyinaa foro bae sɛ wɔbɛhwehwɛ Dawid. Na Dawid tee no, osian kɔɔ aban no mu.


Na Dawid yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ no no na okunkum Filistifo no fi Geba de koduu Geser.


Na midii w’akyi baabiara a wokɔe na matwitwa w’atamfo nyinaa afi w’anim, na mɛma woanya din kɛse sɛ asase so nnipa akɛse din.


Wuyii me ne nnipa m’aperedi mu, wode me sii amanaman so ti; ɔman a minnim wɔn na ɛsom me.


Woama asase awosow, woapae mu, fa n’asinasin sisi anim, na ehinhim.


Moab yɛ me guasɛn, Edom so na mɛtow me mpaboa magu, me nti Filistifo asase teɛteɛm.


Wɔn na wɔnam gyidi so ko dii ahenni ahorow so nkonim, dii asɛntrenee, nyinyaa bɔhyɛ, siw agyata ano,


dum ogya tumi, guan nkrante ano, nyaa ahoɔmmerɛw mu ahoɔden, yɛɛ ɔko mu ahoɔdenfo, kaa ananafo mpasua gui.


Na wɔbrɛɛ Filistifo no ase, na wɔankɔ so amma Israelfo hye so bio; na AWURADE nsa daa Filistifo so, Samuel nna nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan