Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 7:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Bere a me ne Israelfo nyinaa nantewee no nyinaa mu no, so maka asɛm bi makyerɛ Israel abusuakuw biara a mahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛn me man Israel sɛ: Ɛdɛn nti na munsi kyeneduru dan mma me?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Baabiara a me ne me man Israelfoɔ nyinaa anante akɔ no, me ne atemmufoɔ a mayi wɔn sɛ wɔnhwɛ Israel so no bi akasa sɛ adɛn nti na moansi ntweneduro dan amma me anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Bere biara a wotu mʼase a Israelman nyinaa ka me ho no, motee sɛ mibisaa wɔn sodifo, wɔn a mehyɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ me nkurɔfo Israelfo no se, “Adɛn nti na momfaa sida nsii ofi mmaa me da?” ’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Baabiara a me ne me man Israelfoɔ nyinaa anante akɔ no, me ne atemmufoɔ a mayi wɔn sɛ wɔnhwɛ Israel so no bi akasa sɛ adɛn nti na moansi ntweneduro dan amma me anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɛberɛ biara a wɔtu mʼase a Israelman nyinaa ka me ho no, motee sɛ mebisaa wɔn sodifoɔ, wɔn a mehyɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no sɛ, “Adɛn enti na momfaa ntweneduro nsii fie mmaa me da?” ’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Bere a me ne Israelfo nyinaa nantewee no nyinaa mu no, so maka asɛm bi makyerɛ Israel abusuakuw biara a mahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛn me man Israel sɛ: Ɛdɛn nti na munsi kyeneduru dan mma me?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 7:7
19 Iomraidhean Croise  

Nso kan no a Saul di yɛn so hene no wone nea ɔde Israel fi adi na wode wɔn ba mu; na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛn me man Israel, na wo na wubedi Israel so panyin.


Na kan a Saul di hene no, wo ara na wode Israel fi adi na wode wɔn ba mu. Na AWURADE wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛn me man Israel, na wo ara na wubedi me man Israel so bapɔmma.


Baabiara a me ne Israel nyinaa nennamee no, so maka makyerɛ Israel akannifo no a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛn me man no mu bi sɛ: Ɛdɛn nti na munsi nkyeneduru dan mma me?


Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo, obeturu nguammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo.


Sɛ AWURADE se ni: Ɔsoro yɛ m’agua, na asase yɛ me nan ntiaso, ɔdan bɛn na mubesi ama me, na ɛhe na me homebea wɔ?


Na mesisi wɔn so ahwɛfo na wɔahwɛ wɔn, na wɔrensuro bio, na wɔn koma rentu, na wɔn mu bi renka, AWURADE asɛm ni.


Na mɛma mo ahwɛfo sɛ me koma pɛ, na wɔde nhumu ne nimdeɛ ayɛn mo.


Me ara na mɛyɛn me nguan, na me ara mɛma wɔabutubutuw, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nguanhwɛfo, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn, nguanhwɛfo no, sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Munnue, Israel nguanhwɛfo a wɔyɛn wɔn ho no; so ɛnyɛ nguan na nguanhwɛfo yɛn wɔn?


Na mede oguanhwɛfo biako mesi wɔn so na wayɛn wɔn, m’akoa Dawid; ɔno na ɔbɛyɛn wɔn, na ɔno na ɔbɛyɛ wɔn ɔhwɛfo;


Na obegyina hɔ ayɛn wɔn, AWURADE ahoɔden mu, AWURADE ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu, na wɔatena ase; na afei ɔbɛso akosi asase awiei.


Na wo Betlehem, Yuda asase, wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa, efisɛ wo mu na ɔsafohene a ɔbɛhwɛ me man Israel no befi aba.


Enti monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa mogya anya wɔn no yiye.


Israel mmarima, mommɛboa! Oyi ne onipa a ɔkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa mmaa nyinaa tia ɔman ne mmara ne ɛha yi, na ɔde Helafo nso aba asɔrefi de efi abɛka kronkronbea ha yi.


Efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn nam wo nsra mu sɛ ɔregye wo, na ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa; enti ma wo nsra mu nyɛ kronkron, na wanhu wo mu aniwude bi, na wannan amfi w’akyi.


Me a meyɛ ɔpanyin bi ne Kristo amanehunu ho dansefo ne anuonyam a wɔrebeyi adi no fafafo nso, mitu mpanyimfo a ɛwɔ mo mu no fo sɛ:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan