Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 7:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Natan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Nea ɛwɔ wo koma mu nyinaa kɔyɛ, na AWURADE di w’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Natan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Deɛ ɛwɔ w’akoma mu nyinaa kɔyɛ, na AWURADE di w’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na Natan buaa ɔhene no se, “Biribiara a woadwene ho sɛ wobɛyɛ no, kɔ so na yɛ, na Awurade ka wo ho.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Natan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Deɛ ɛwɔ w’akoma mu nyinaa kɔyɛ, na AWURADE di w’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na Natan buaa ɔhene no sɛ, “Biribiara a woadwene ho sɛ wobɛyɛ no, kɔ so na yɛ, na Awurade ka wo ho.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Natan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Nea ɛwɔ wo koma mu nyinaa kɔyɛ, na AWURADE di w’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 7:3
14 Iomraidhean Croise  

Na anadwo no ara AWURADE asɛm baa Natan nkyɛn sɛ:


Na Ɔsɔfo Sadok ne Yoiada ba Benaia ne odiyifo Natan ne Simei ne Rei ne Dawid nnɔmmarima no de, wonni Adonigya fam.


Na oduu Onyankopɔn nipa no nkyɛn bepɔw no so no, obesusoo ne nan; na Gehasi twiw bɛnee sɛ obesum no. Na Onyankopɔn nipa no kae sɛ: Gyaa no, na ne kra werɛ ahow wɔ no mu, na AWURADE de ahintaw me, na wanka ankyerɛ me.


Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: Me de, ɛwɔ me koma mu sɛ mesi ofi mama AWURADE me Nyankopɔn din,


Na ɔhene Dawid sɔre gyinaa n’anan so kae sɛ: Me nuanom ne me man, muntie me! Me de, ɛwɔ me koma mu sɛ mesi homebea, ofi mama AWURADE apam adaka no, na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiaso, na masiesie ne si no ho.


Na ɔhene Dawid nsɛm a edi kan ne nea edi akyiri no, hwɛ, wɔakyerɛw ɔdehufo Samuel nsɛm ne odiyifo Natan nsɛm ne ɔdehwɛfo Gad nsɛm mu;


Na ɔde Lewifo no gyinagyinaa AWURADE fi, wokurakura nnawuru ne mmɛnta asanku ne asankuten sɛ Dawid ne ɔhene no dehwɛfo Gad ne odiyifo Natan hyɛe no; efisɛ AWURADE nam n’adiyifo so na ɔhyɛe.


Ɔmma wo nea wo koma pɛ, na ɔmma wo tirim asɛm nyinaa mmra mu.


na ma w’ani nka AWURADE ho, na wama wo nea wo koma pɛ.


Na mo de, ɔsra a munyae ne nsam no te mo mu, enti enhia mo sɛ obi kyerɛkyerɛ mo; na mmom sɛnea ɔsra no ara kyerɛkyerɛ mo ade nyinaa ho no na ɛyɛ nokware na ɛnyɛ atoro. Na sɛnea akyerɛkyerɛ mo no, montena ne mu!


Na sɛ nsɛnkyerɛnne yi ba mu ma wo a, yɛ nea wo nsa bɛso so fa, na Onyankopɔn di w’akyi.


Na n’akodekurafo no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ nea ɛwɔ wo komam nyinaa; dan wo ho, hwɛ, meka wo ho sɛ wo koma pɛ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tentenyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ nea onipa hwɛ, na onipa hwɛ nea etua aniwa, na AWURADE de, ɔhwɛ komam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan