Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 7:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Bere a ɔhene te ne fi na AWURADE ama no ɔhome afi n’atamfo nyinaa ho ahyia no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔhene te ne fie na AWURADE maa no ɔhome firii n’atamfo nyinaa ho hyiaeɛ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bere a wɔbɔɔ ɔhene no atenase wɔ nʼahemfi na Awurade ama asomdwoe aba asase no so no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔhene te ne fie na AWURADE maa no ɔhome firii n’atamfo nyinaa ho hyiaeɛ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛberɛ a wɔbɔɔ ɔhene no atenaseɛ wɔ nʼahemfie na Awurade ama asomdwoeɛ aba asase no so no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Bere a ɔhene te ne fi na AWURADE ama no ɔhome afi n’atamfo nyinaa ho ahyia no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 7:1
19 Iomraidhean Croise  

Na Tiro hene Hiram somaa abɔfo ma wɔde nkyeneduru nnua ne nnuasenfo ne abantofo baa Dawid nkyɛn na wɔkyekyeree ofi maa Dawid.


Na Saul babea Mikal annya ɔba de kosii ne wuda.


ne bere a mehyɛɛ akannifo sɛ wonni me man Israel so no; na mɛma woahome afi w’atamfo nyinaa ho. Na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ AWURADE na ɔbɛkyekye ofi ama wo.


Na afei AWURADE me Nyankopɔn ama me ɔhome afa nyinaa; ɔtamfo bi nni hɔ, na asiane bi nni hɔ.


Na ɔfrɛɛ ne ba Solomon, na ɔhyɛɛ no sɛ onsi ofi mma AWURADE, Israel Nyankopɔn.


Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: Me de, ɛwɔ me koma mu sɛ mesi ofi mama AWURADE me Nyankopɔn din,


Na ɔhene Dawid sɔre gyinaa n’anan so kae sɛ: Me nuanom ne me man, muntie me! Me de, ɛwɔ me koma mu sɛ mesi homebea, ofi mama AWURADE apam adaka no, na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiaso, na masiesie ne si no ho.


Na ɔkyekyee nkurow a ɛyɛ den Yuda, efisɛ asase no so dwoe, na wanko ɔko bi mfe no mu, efisɛ AWURADE maa no ɔhome.


Na Yehosafat ahemman mu dwoe, na ne Nyankopɔn maa no ɔhome afa nyinaa hyiae.


kosi sɛ menya baabi mama AWURADE, tenabea bi ama Yakob Tumfo no ansa.


Ao, AWURADE, m’ahoɔden, medɔ wo.


Sɛ onipa akwan sɔ AWURADE ani a, ɔma n’atamfo po ne no ntam ba asomdwoe.


Na ntɛm ara nea onyaa talente anum no kɔe, de kɔyɛɛ adwuma, na onyaa ho talente anum.


Ɔno na onyaa Onyankopɔn anim adom, na ɔsrɛe sɛ wɔmma onsi ofi mma Yakob Nyankopɔn.


Na AWURADE maa wɔn asomdwoe hyiae, sɛnea ɔkaa wɔn agyanom ntam no ara, na wɔn atamfo nyinaa mu biara annyina wɔn anim; AWURADE de wɔn atamfo no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.


Nna pii akyi no, AWURADE maa Israel home fii wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam, saa bere no na Yosua abɔ akora, na wadi nna bebree no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan