Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 6:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na wɔde Onyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforo so, na wɔmaa so fii Abinadab fi a ɛwɔ koko no so na Abinadab mma Usa ne Ahio na ɛkaa teaseɛnam foforo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na wɔde Nyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforɔ so firii Abinadab fie a ɛwɔ kokoɔ soɔ no mu, na Abinadab mma Usa ne Ahio de teaseɛnam foforɔ a Nyankopɔn adaka no si soɔ no kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔde Onyankopɔn Adaka no sii teaseɛnam foforo so, de fii Abinadab fi a na ɛwɔ bepɔw so no bae. Usa ne Ahio a na wɔyɛ Abinadab mmabarima no na na wɔkyerɛ teaseɛnam foforo no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na wɔde Nyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforɔ so firii Abinadab fie a ɛwɔ kokoɔ soɔ no mu, na Abinadab mma Usa ne Ahio de teaseɛnam foforɔ a Nyankopɔn adaka no si soɔ no kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔde Onyankopɔn Adaka no sii teaseɛnam foforɔ so, de firii Abinadab fie a na ɛwɔ bepɔ so no baeɛ. Usa ne Ahio a na wɔyɛ Abinadab mmammarima no na na wɔkyerɛ teaseɛnam foforɔ no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na wɔde Onyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforo so, na wɔmaa so fii Abinadab fi a ɛwɔ koko no so na Abinadab mma Usa ne Ahio na ɛkaa teaseɛnam foforo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 6:3
6 Iomraidhean Croise  

na kan no ɛnyɛ mo na moyɛe nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn abufuw baa yɛn so, sɛ yɛanhwehwɛ no n’atɔremude no so.


Hwɛ, yɛkɔtee wɔ Efrata, yekohuu wɔ Yaar asase so.


Na afei monyɛ teaseɛnam foforo, na momfa anantwibere abien a wɔma nufu a kondua nkɔɔ wɔn so da, na momfa anantwi no nsesa teaseɛnam no, na montetew wɔn mma mfi wɔn ho nkɔ ofie;


Na Kiriat-yearimfo bae bɛfaa AWURADE adaka no de foro kɔɔ Abinadab fi, koko no so, na wodwiraa ne ba Eleasar sɛ ɔnhwɛ AWURADE adaka no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan