Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 5:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na Dawid tenaa aban no mu na ɔfrɛɛ no Dawid kurow. Na Dawid totoo ho afasu hyiae fi Milo ne emu fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na Dawid tenaa aban no mu, na ɔfrɛɛ no Dawid kuro. Na Dawid totoo ɛho afasuo hyiae firi Milo ne emu fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Enti Dawid yɛɛ nʼatenae wɔ abandennen na ɔfrɛɛ hɔ Dawid Kuropɔn no mu. Osisii bammɔ adan bebree twaa kurow no ho kaa ho. Wofii dwumadi no ase wɔ Milo de baa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na Dawid tenaa aban no mu, na ɔfrɛɛ no Dawid kuro. Na Dawid totoo ɛho afasuo hyiae firi Milo ne emu fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Enti, Dawid yɛɛ aban no nʼatenaeɛ, na ɔfrɛɛ hɔ Dawid Kuropɔn. Ɔsisii banbɔdan bebree twaa kuro no ho kaa ho. Wɔhyɛɛ dwumadie no ase wɔ Milo de baa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Dawid tenaa aban no mu na ɔfrɛɛ no Dawid kurow. Na Dawid totoo ho afasu hyiae fi Milo ne emu fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 5:9
16 Iomraidhean Croise  

Nanso Dawid faa Sion aban no. Ɛne Dawid kurow no.


Na Dawid kae da no sɛ: Obiara a obekum Yebusifo no nkodu nsuka no ho na onkunkum mpakye ne anifuraefo a Dawid kra tan wɔn no nso! Enti na wɔka sɛ: Onifuraefo ne apakye mmma ofie.


Enti Dawid ampɛ sɛ ɔde AWURADE adaka no ba ne nkyɛn, Dawid kurow no mu, na Dawid de man kɔɔ Gitni Obed-edom fi.


Na asɛm a ɛma ɔtew ɔhene so atua ne sɛ: Solomon kyekyee Milo na otuatuaa n’agya Dawid kurow ho fasu mu.


Ɛnna Dawid tiw n’agyanom wɔ asaman, na wosiee no Dawid kurow mu.


Na adwuma tow a ɔhene Solomon gyei sɛ ɔde besi AWURADE fi ne n’ankasa ne fi ne Milo ne Yerusalem fasu ne Hasor ne Megido ne Geser no ho asɛm ni:


Nso Farao babea no fii Dawid kurow no mu baa ne dan a osi maa no no mu. Ɛno na ɔkyekyee Milo.


Na ne nkoa sɔre pam ne tiri so, na wokum Yoas wɔ Milo dan a ɛde rekɔ Sila no mu.


Na ne nkoa Simeat ba Yosakar ne Somer ba Yosabad bɔɔ no na owui; na wosiee no kaa n’agyanom ho, Dawid kurow mu; na ne ba Amasia bedii n’ade.


Na Dawid kyekyeree kurow no hyiae de fi Milo ara de twaa ho hyiae. Na Yoab siesiei ɔman no a ɛkae no.


Na ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔtoo ɔfasu a abubu no nyinaa, na ɔma ɛkorɔn kosii aban atenten no ho, na ɔtoo ɔfasu foforo, kurow no akyi, na ɔhyɛɛ Milo den, Dawid kurow ho, na ɔyeyɛɛ akode ne akyɛm bebree.


Na nsuti pon no, Kol-hose ba Salum, Mispa abupɛn no so safohene, na omiamiaa mu, ɔno na ɔtoe na ɔkataa so na osisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban. Ɔtoo Siloa tare ho fasu nso, ɔhene turo no ho de kosii ntrapoe a esian fi Dawid kurow mu no ho.


Yerusalem a wɔakyekye no sɛ kurow a ɛtoatoam yiye.


Due, Ariel, Ariel, kurow a Dawid bɛtenaa mu no! Momfa afe nka afe ho, momma afahyɛ ntwa nhyia.


Na sɛ ɛnte saa a, ogya mfi Abimelek mu mmɛhyew Sekemfo ne abankɛse mufo, na ogya nso mfi Sekemfo ne abankɛse mufo mu mmɛhyew Abimelek.


Na Sekemfo no nyinaa ne abankɛse mufo nyinaa behyiae, na wɔkɔe kosii Abimelek hene nkaebo dupɔn a ɛwɔ Sekem no ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan