Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 5:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Israel mpanyin nyinaa baa ɔhene nkyɛn Hebron, na ɔhene Dawid ne wɔn pamee Hebron, AWURADE anim, na wɔsraa Dawid de no sii Israel so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene nkyɛn Hebron, na Ɔhene Dawid ne wɔn pamee wɔ Hebron, AWURADE anim, na wɔsraa Dawid ngo de no sii Israel so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Enti Dawid ne Israel ntuanofo no yɛɛ apam wɔ Hebron Awurade anim. Na wɔsraa no ngo sii no Israelhene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene nkyɛn Hebron, na Ɔhene Dawid ne wɔn pamee wɔ Hebron, AWURADE anim, na wɔsraa Dawid ngo de no sii Israel so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Enti Hebron hɔ, Dawid ne Israel ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Awurade anim. Na wɔsraa no ngo sii no Israelhene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Israel mpanyin nyinaa baa ɔhene nkyɛn Hebron, na ɔhene Dawid ne wɔn pamee Hebron, AWURADE anim, na wɔsraa Dawid de no sii Israel so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 5:3
16 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Yuda mmarima bae bɛsraa Dawid sii Yuda fi so hene wɔ hɔ. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Yabes-gileadfo na wosiee Saul.


Na afei monhyɛ mo abasam den, na monyɛ mo ho mmarima na mo wura Saul awu, nanso Yuda fi asra me asi wɔn so hene.


Na Abner ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Mɛsɔre makɔ makɔboaboa Israel nyinaa ano mabrɛ me wura, na wɔne wo apam na woadi wɔn a wɔpɛ nyinaa so hene. Na Dawid gyaa Abner kwan na ɔkɔe asomdwoe mu.


Na ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan nsra no mfa no nsi Israel so hene wɔ hɔ, na monhyɛn torobɛnto sɛ: Ɔhene Solomon tiri nkwa!


Na Yehoiada de apam too AWURADE ne ɔhene ne ɔman no ntam, sɛ wɔnnyɛ AWURADE man, na ɔde too ɔhene ne ɔman no nso ntam.


Na Israel nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa Dawid nkyɛn Hebron bɛkae sɛ: Hwɛ, w’abusuafo ne yɛn.


Na Israel mpanyin nyinaa baa ɔhene no nkyɛn Hebron, na Dawid ne wɔn pamee AWURADE anim Hebron, na wɔsraa Dawid ngo sii no Israel so hene, sɛnea AWURADE nam Samuel so kae no.


Na AWURADE Israel Nyankopɔn ayi me afi m’agya fifo nyinaa mu sɛ minni Israel so hene nkosi daa. Na wayi Yuda asi no panyin, na Yuda fi mu nso wayi m’agya fi, na m’agya mma mu nso ɔpɛɛ m’asɛm sɛ ɔde me besi Israel nyinaa so,


Ɛnna Yehoiada de apam too ɔno ne ɔman no nyinaa ne ɔhene no ntam sɛ wɔnyɛ AWURADE man.


Na eyi nyinaa nti, yɛrepam nokware apam, na yɛrekyerɛw, na yɛn mmapɔmma, yɛn Lewifo ne yɛn asɔfo asɔ ano.


Kɔ na kɔboa Israel mpanyimfo ano, na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no ayi ne ho akyerɛ me sɛ: Ɔhwɛ na mabɛhwɛ mo ne nea wɔreyɛ mo wɔ Misraim no.


Ɛnna Yosua foro fii Eglon kɔɔ Hebron a Israel nyinaa ka ne ho, na ɔne wɔn koe.


Ɛnna Yefta ne Gilead mpanyimfo no siim bae, na ɔman no de no sii wɔn ti ne safohene. Na Yefta kɔkaa ne nsɛm nyinaa AWURADE anim wɔ Mispa.


Na ɔman no nyinaa kɔɔ Gilgal, na wokosii Saul hene AWURADE anim wɔ Gilgal; na wɔbobɔɔ asomdwoe afɔre AWURADE anim wɔ hɔ. Na Saul ne Israel mmarima nyinaa ani gyee.


Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so fi da no ara de rekɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama.


Na wɔn baanu pamee AWURADE anim. Na Dawid tenaa Hores, na Yonatan kɔɔ fie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan