Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 5:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Nso kan no a Saul di yɛn so hene no wone nea ɔde Israel fi adi na wode wɔn ba mu; na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛn me man Israel, na wo na wubedi Israel so panyin.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Nso akane no a na Saulo di yɛn so hene no, wone deɛ na ɔde Israel firi adie na ɔde wɔn ba mu; na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛne me man Israel, na wo na wobɛdi Israel so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mmere bi a atwa mu no a mpo, na Saulo yɛ yɛn hene no, wo ara na wudii Israel anim. Na Awurade aka akyerɛ wo se, ‘Wobɛyɛ me manfo Israel so guanhwɛfo. Wobɛyɛ wɔn kannifo.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Nso akane no a na Saulo di yɛn so hene no, wone deɛ na ɔde Israel firi adie na ɔde wɔn ba mu; na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛne me man Israel, na wo na wobɛdi Israel so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mmerɛ bi a atwam no a mpo na Saulo yɛ yɛn ɔhene no, wo ara na wodii Israel anim. Na Awurade aka akyerɛ wo sɛ, ‘Wobɛyɛ me manfoɔ Israel so odwanhwɛfoɔ. Wobɛyɛ wɔn kannifoɔ.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Nso kan no a Saul di yɛn so hene no wone nea ɔde Israel fi adi na wode wɔn ba mu; na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛn me man Israel, na wo na wubedi Israel so panyin.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 5:2
27 Iomraidhean Croise  

Nanso na ne tadua kura no pintinn, na ne basa mu yɛɛ den. Efi Yakob tumfo no nsam, efi ɔhwɛfo a ɔyɛ Israel botan no mu.


Na Dawid ka kyerɛɛ Mikal sɛ: AWURADE a ɔpaw me fii w’agya ne ne fi nyinaa akyi, yii me na ɔhyɛɛ me sɛ minni ne man Israel so panyin no anim na migorui.


Bere a me ne Israelfo nyinaa nantewee no nyinaa mu no, so maka asɛm bi makyerɛ Israel abusuakuw biara a mahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛn me man Israel sɛ: Ɛdɛn nti na munsi kyeneduru dan mma me?


Na afei kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni. Me na mefaa wo mifii nguan hwɛbea, fii nguan akyi, sɛ bɛyɛ me man Israel so panyin.


San kɔka kyerɛ Hesekia, me man so hwɛfo no, sɛ: Sɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn se ni: Mate wo mpaebɔ, mahu wo nusu, hwɛ, me na mɛsa wo yare. Da a ɛto so abiɛsa no wobɛforo akɔ AWURADE fi.


Na kan a Saul di hene no, wo ara na wode Israel fi adi na wode wɔn ba mu. Na AWURADE wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛn me man Israel, na wo ara na wubedi me man Israel so bapɔmma.


afei, ma me nyansa ne nimdeɛ na mimfi adi ɔman yi anim na memmra mu, na ɛhena na obebu wo man kɛse yi atɛn?


Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo, obeturu nguammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo.


Hwɛ, mede no mayɛ aman dansefo, aman safohene ne mmarahyɛfo.


Na mede oguanhwɛfo biako mesi wɔn so na wayɛn wɔn, m’akoa Dawid; ɔno na ɔbɛyɛn wɔn, na ɔno na ɔbɛyɛ wɔn ɔhwɛfo;


Na obegyina hɔ ayɛn wɔn, AWURADE ahoɔden mu, AWURADE ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu, na wɔatena ase; na afei ɔbɛso akosi asase awiei.


a obedi wɔn anim afi adi na obedi wɔn anim aba mu, nea ɔde wɔn befi adi na ɔde wɔn aba mu, na AWURADE asafo no anyɛ sɛ nguan a wonni hwɛfo.


Na wo Betlehem, Yuda asase, wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa, efisɛ wo mu na ɔsafohene a ɔbɛhwɛ me man Israel no befi aba.


Mene guanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa de ne kra to hɔ ma nguan no;


Na ɛfata nea ne nti nneɛma nyinaa wɔ hɔ na ɛnam ne so na nneɛma nyinaa wɔ hɔ, nea ɔde mma bebree baa anuonyam mu no, sɛ ɔde wɔn nkwagye safohene nam amanehunu mu bɛkɔ pɛyɛ mu.


Na afei w’ahenni rennyina. AWURADE bɛhwehwɛ ne koma so barima afa, na AWURADE asi no ne man so hene, efisɛ woanni nea AWURADE hyɛɛ wo no so.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wubegyam Saul akosi da bɛn? Na me de, mapa no sɛ onnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yese nkyɛn, efisɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.


Enti Saul yii no fii ne ho, na osii no apem so safohene, na odii ahyɛmfiri, ɔman no anim.


Na Israel ne Yuda nyinaa dɔɔ Dawid, efisɛ ɔno na odi wɔn anim ahyɛmfiri.


Na Dawid fi adi kɔ baabiara a Saul soma no, na ne biribiara kɔ so; na Saul de no sii akofofo so, na ɔsɔɔ ɔman no nyinaa ne Saul nkoa nso ani.


Fa ɔso yi firi w’afenaa ɛ! Na ampa ara, AWURADE bɛkyekye ofi a atim ama me wura, efisɛ me wura reko ama AWURADE, na wɔrenhu wo mu bɔne bi wo nna nyinaa mu.


Na sɛ AWURADE nya yɛ me wura papa a waka wɔ wo ho no nyinaa na ɔde wo si Israel so hene a,


Ɔkyena sesɛbere mɛsoma ɔbarima bi afi Benyamin asase so aba wo nkyɛn, na sra no ngo si no me man Israel so panyin, na onnye me man mfi Filistifo nsam; na mahu me man no yaw, efisɛ wɔn su adu m’anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan