Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 5:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Ɛnna Israel mmusuakuw nyinaa baa Dawid nkyɛn Hebron bɛkae sɛ: Hwɛ wo nnompe ne wo honam ne yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ɛnna Israel mmusuakuo nyinaa baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron bɛkaa sɛ: Yɛn nie, wo bogya ne yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Israel mmusuakuw no nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Ɛnna Israel mmusuakuo nyinaa baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron bɛkaa sɛ: Yɛn nie, wo bogya ne yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Israel mmusuakuo no nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ɛnna Israel mmusuakuw nyinaa baa Dawid nkyɛn Hebron bɛkae sɛ: Hwɛ wo nnompe ne wo honam ne yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 5:1
13 Iomraidhean Croise  

Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, woyɛ me dompe ne me honam. Na ɔtenaa ne nkyɛn bɛyɛ ɔsram.


Me nuanom ne mo, me nnompe ne me honam ne mo, na ɛdɛn nti na motwentwɛn sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asan akɔ?


Na Amasa nso, monka nkyerɛ no sɛ: So ɛnyɛ me nnompe ne me honam ne wo? Sɛ woanyɛ dɔm so safohene m’anim nna nyinaa ansi Yoab ananmu a, Onyankopɔn nyɛ me sɛɛ na ɔnkɔ so nyɛ me sɛɛ!


Na ɔkom Yuda mmarima nyinaa koma sɛ onipa biako de, na wɔsoma baa ɔhene nkyɛn sɛ: Wo ne wo nkoa nyinaa, monsan mmra.


Na Israel mmarima no buaa Yuda mmarima no sɛ: Yɛwɔ kyɛfa du ɔhene mu, na Dawid mu nso yɛwɔ sen mo. Na adɛn nti na moammu yɛn? So ɛnyɛ yɛn na yedii kan kae sɛ wɔnkɔfa yɛn hene mmra? Na Yuda mmarima no ano yɛɛ den sen Israel mmarima no.


Na wɔsoaa Asahel kosiee no n’agya da a ɛwɔ Betlehem no mu. Na Yoab ne ne mmarima no nam anadwo no nyinaa, na ade kyee wɔn Hebron.


Efisɛ yɛyɛ ne nipadua ho akwaa.


fa nea AWURADE wo Nyankopɔn beyi no no si wo so hene; wo nuanom mu bi na fa no si wo so hene; mfa ɔnanani bi a ɔnyɛ wo nua nsi wo so.


Enti sɛ mma no anya ɔhonam ne mogya koro no bi no, saa ara na ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam owu so betu nea ɔwɔ owu tumi a ɔne ɔbonsam no,


Ɛnna Yosua foro fii Eglon kɔɔ Hebron a Israel nyinaa ka ne ho, na ɔne wɔn koe.


Monka ngu Sekemfo nyinaa asom sɛ: Nea ɛwɔ he na eye ma mo, sɛ Yerubaal mmammarima aduɔsɔn no nyinaa bedi mo so anaa obiako? Na monkae sɛ mo dompe ne mo nam ne me.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan