Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 4:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na wɔde Is-boset ti no brɛɛ Dawid wɔ Hebron na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ wo tamfo Saul ba Is-boset a anka ɔhwehwɛ wo akum wo no ti ni, na ɛnnɛ da yi AWURADE atɔ Saul ne n’asefo so were ama me wura ɔhene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na wɔde Isboset tiri no brɛɛ Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, wo tamfo Saulo ba Isboset a anka ɔrehwehwɛ wo aku woɔ no tiri nie, na ɛnnɛ da yi AWURADE atɔ Saulo ne n’asefoɔ so were ama me wura ɔhene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔde Is-Boset ti no brɛɛ Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene no se, “Wo tamfo Saulo a anka ɔrehwehwɛ wo akum wo no babarima Is-Boset ti ni. Nnɛ, Awurade ama me wo aweretɔ ho kwan atia Saulo ne nʼabusua.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na wɔde Isboset tiri no brɛɛ Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, wo tamfo Saulo ba Isboset a anka ɔrehwehwɛ wo aku woɔ no tiri nie, na ɛnnɛ da yi AWURADE atɔ Saulo ne n’asefoɔ so were ama me wura ɔhene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔde Is-Boset tire no brɛɛ Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Wo ɔtamfoɔ Saulo a anka ɔrepɛ wo akum wo no babarima Is-Boset tire nie. Ɛnnɛ, Awurade ama me wo aweretɔ ho kwan atia Saulo ne nʼabusua.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na wɔde Is-boset ti no brɛɛ Dawid wɔ Hebron na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ wo tamfo Saul ba Is-boset a anka ɔhwehwɛ wo akum wo no ti ni, na ɛnnɛ da yi AWURADE atɔ Saul ne n’asefo so were ama me wura ɔhene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 4:8
18 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Sadok ba Ahimaas kae sɛ: Ma mintu mmirika menkɔbɔ ɔhene kaseɛ pa yi, sɛ AWURADE abu atɛn ama no n’atamfo so.


Na hwɛ, Kusni no bae; na Kusni no kae sɛ: Me wura ɔhene ntie kaseɛ, sɛ AWURADE abu atɛn ama wo nnɛ afi wɔn a wɔsɔre hyɛɛ wo no nyinaa so.


Na Saul safohene Ner ba Abner faa Saul ba Is-boset de no kɔɔ Mahanaim,


Onyankopɔn na odii were maa me na ɔbrɛɛ aman ase hyɛɛ m’ase,


Mede me tɛkrɛma nso mɛka wo trenee ho asɛm daa, efisɛ wɔn a wɔpɛ me bɔne no ani awu, na wɔn anim agu ase.


sɛ: Sɔre fa abofra no ne ne na, na kɔ Israel asase so; na wɔn a wɔhwehwɛ abofra no akum no no awu.


Ɔsoro ne mo, ahotefo ne asomafo ne adiyifo, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.


Na wɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Awurade, Tumfo, Ɔkronkronni ne Ɔnokwafo, woremmu atɛn, na worenntɔ wɔn a wɔte asase so no yɛn mogya so were kosi da bɛn?


Na Saul tow peaw no, na ose: Mɛbɔ Dawid mafam ɔfasu ho; na Dawid dan ne ho fii n’anim mprenu.


Na Saul ka kyerɛɛ ne ba Yonatan ne ne nkoa nyinaa sɛ wonkum Dawid. Nanso Saul ba Yonatan pɛ Dawid asɛm sɛ.


Ɛnna Saul somaa abɔfo no sɛ wɔnkɔhwɛ Dawid, na ose: Momfa no mfi mpa no so mmrɛ me, na minkum no.


Na Dawid guan fii Naiot wɔ Rama, na ɔbae bɛka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Dɛn na mayɛ? M’amumɔyɛ ne dɛn, na me bɔne ne dɛn wɔ w’agya anim a enti ɔrehwehwɛ me akum me yi?


Na Dawid hui sɛ Saul afi adi rebɛhwehwɛ no akum no. Nso Dawid wɔ Sif sare so wɔ Hores.


Na Dawid nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, da a AWURADE ka kyerɛɛ wo sɛ: Hwɛ, mede wo tamfo mɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no sɛnea eye w’ani so no ni. Ɛnna Dawid sɔre wiawiaa ne ho kotwaa Saul batakari ano.


Na sɛ onipa asɔre retiw wo abɛhwehwɛ wo akum wo a, ɛnne wɔnkyekyere me wura ɔkra, nkwa boaa mu, AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn, na w’atamfo kra de, wɔntow no sɛ ade a efi ataabo mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan