Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 4:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na Saul ba Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ne nan abien asinsen. Saul ne Yonatan ho asɛm no fi Yesreel bae no na wadi mfe anum na ne gyigyefo maa no so guanee. Na ɔreyɛ ntɛm aguan no, ɔhwee ase na ɔtɔɔ apakye. Na ne din de Mefiboset.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Saulo ba Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ɔyɛ apakye. Saulo ne Yonatan ho asɛm no firii Yesreel baeɛ no, na wadi mfeɛ nnum, na ne bagyegyefoɔ maa no so dwanee. Na ɔreyɛ ntɛm adwane no, ɔhwee ase, na ɔtɔɔ apakye. Na ne din de Mefiboset.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na Saulo babarima Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ne din de Mefiboset a na ɔyɛ obubuafo fi ne mmofraase. Wokum Saulo ne Yonatan wɔ Yesreel akono no, na abofra no adi mfe anum. Bere a ɔko no ho asɛm duu kurow no mu no, obi a ɔhwɛ abofra no kyekyeree no de no guanee. Nanso bere a ɔreguan no, ɔhwee ase maa abofra no bɔɔ fam, ma ɔyɛɛ obubuafo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na Saulo ba Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ɔyɛ apakye. Saulo ne Yonatan ho asɛm no firii Yesreel baeɛ no, na wadi mfeɛ nnum, na ne bagyegyefoɔ maa no so dwanee. Na ɔreyɛ ntɛm adwane no, ɔhwee ase, na ɔtɔɔ apakye. Na ne din de Mefiboset.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na Saulo babarima Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ne din de Mefiboset a na ɔyɛ obubuafoɔ firi ne mmɔfraase. Wɔkumm Saulo ne Yonatan wɔ Yesreel akono no, na abɔfra no adi mfeɛ enum. Ɛberɛ a ɔko no ho asɛm duruu kuro no mu no, obi a ɔhwɛ abɔfra no kyekyeree no de no dwaneeɛ. Nanso, ɛberɛ a ɔredwane no, ɔhwee ase maa abɔfra no bɔɔ fam, ma ɔyɛɛ obubuafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Saul ba Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ne nan abien asinsen. Saul ne Yonatan ho asɛm no fi Yesreel bae no na wadi mfe anum na ne gyigyefo maa no so guanee. Na ɔreyɛ ntɛm aguan no, ɔhwee ase na ɔtɔɔ apakye. Na ne din de Mefiboset.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 4:4
10 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE ntam a ɛda wɔn ntam, na ɛda Dawid ne Saul ba Yonatan ntam no nti, ɔhene kyɛe Saul ba Yonatan ba Mefiboset so.


Na Mefiboset tenaa Yerusalem, na ɔhene pon so na odidi daa yi. Na ɔtɔ ne nan abien so apakye.


Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: So obi nni hɔ bio Saul fi a mede Onyankopɔn adɔe mɛyɛ no? Na Siba se: Yonatan babarima bi da so wɔ hɔ a ne nan asinsen.


Na Saul ba Yonatan ba Mefiboset duu Dawid nkyɛn no, ɔde n’anim hwee fam kotow no. Na Dawid kae sɛ: Mefiboset! Na ose: W’akoa ni.


Na Hadad ne Edom mmarima bi a wofi n’agya nkoa mu guanee sɛ wɔrekɔ Misraim; nso na Hadad yɛ abofra kumaa.


Na Yonatan ba ne Merib-baal, na Merib-baal woo Mika.


Na Yonatan ba ne Merib-baal, na Merib-baal woo Mika.


Afei Filistifo boaboaa wɔn dɔm nyinaa ano baa Afek, na Israelfo kɔbɔɔ nsra nsuaniwa a ɛwɔ Yesreel no ho.


Ɛnna Dawid ne ne mmarima no tuaa ahema siim sɛ wɔresan akɔ Filistifo asase so. Na Filistifo no baa Yesreel.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan