Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 3:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na nea ɔto so abien ne Kileab a Abigail, Karmelni Nabal yere no woo no. Na nea ɔto so abiɛsa ne Absalom a ɔyɛ Gesur hene Talmai babea Maaka ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na deɛ ɔtɔ so mmienu ne Kileab a Abigail, Karmelni Nabal kunafoɔ no woo no no. Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nea ɔto so abien no din de Kileab a ɔyɛ Abigail a na ɔyɛ Nabal a ofi Karmel no kunabea babarima; nea ɔto so abiɛsa no din de Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babea Maaka babarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na deɛ ɔtɔ so mmienu ne Kileab a Abigail, Karmelni Nabal kunafoɔ no woo no no. Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Deɛ ɔtɔ so mmienu no din de Kileab a ɔyɛ Abigail a na ɔyɛ Nabal a ɔfiri Karmel no kunabaa babarima; deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no din de Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka babarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na nea ɔto so abien ne Kileab a Abigail, Karmelni Nabal yere no woo no. Na nea ɔto so abiɛsa ne Absalom a ɔyɛ Gesur hene Talmai babea Maaka ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 3:3
22 Iomraidhean Croise  

Na eyi akyi no na Dawid ba Absalom wɔ nuabea fɛfɛ bi a ne din de Tamar, na Dawid ba Amnon pɛ no.


Na Yoab siim kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem.


Na ɔhene kae sɛ: Ma ɔmman nkɔ ne fi na m’anim na ɔrenhu. Ɛnna Absalom man kɔɔ ne fi na wanhu ɔhene anim.


Na Absalom ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, masoma maba wo nkyɛn sɛ: Bra na mensoma wo ɔhene nkyɛn nkose no sɛ: Ɛdɛn nti na mifi Gesur mebae? Eye ma me sɛ anka meda so mewɔ hɔ. Enti afei mehu ɔhene anim; na sɛ ɛso bi da me so a, onkum me.


Na mfirihyia anan twaa mu no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mesrɛ wo, ma menkɔ menkɔma m’aboade a mede mehyɛɛ AWURADE bɔ wɔ Hebron.


Efisɛ metenaa Gesur wɔ Aram no w’akoa hyɛɛ bɔ sɛ: Sɛ AWURADE de me san ba Yerusalem a, ɛnne mɛsom AWURADE.


Na ɔhene ho popoe na ɔforo kɔɔ kurow pon no so pia mu, na osui. Na ɔrekɔ no, ɔkae sɛ: O Me ba Absalom, me ba, me ba Absalom! Ɛkaa me nko a, anka misii w’ananmu wui! Absalom, meba, me ba!


Ɛnna Dawid kɔɔ hɔ, ɔne ne yerenom baanu no nso, Yesreelni Ahinoam ne Abigail, Karmelni Nabal yere no.


Nanso n’agya anka asɛm a ɛyɛ yaw bi ankyerɛ no da sɛ: Adɛn na woyɛ sɛɛ yi? Na ɔno nso yɛ ɔhoɔfɛfo, na ɔno na wɔwoo no dii Absalom akyi.


Na ɔkae sɛ: Wo ara wunim sɛ anka ahenni no yɛ me dea, na me so na Israel nyinaa de wɔn ani toe sɛ medi hene, nanso ahenni no danee, na akɔyɛ me nua de; na efi AWURADE na ɛkɔyɛɛ ne de.


Na eyinom ne Dawid mma a wɔwoo wɔn maa no Hebron: N’abakan Amnon ne Yesreelni Ahinoam ba. Nea otia abien ne: Daniel a ɔyɛ Karmelni Abigail de.


Nea ɔto so abiɛsa ne: Absalom a ɔyɛ Gesur hene Talmai babea Maaka ba. Nea ɔto so anan ne Adonigya a ɔyɛ Hagit ba.


Manase ba Yair faa Argob asase no nyinaa a ɛne Basan, kosii Gesurfo ne Maakatfo hye so, na ɔde ne din too asase no frɛɛ no Hawot-yair de besi nnɛ da yi.


Nanso Israelfo antu Gesurfo ne Maakatfo, na Gesurfo ne Maakatfo no tenaa Israel mu de besi nnɛ.


Na ɔbarima no din de Nabal, na ne yere din de Abigail. Na ɔbea no wɔ adwempa, na ne ho nso yɛ fɛ; na ɔbarima no de, ɔyɛ den, na ne nneyɛe nye; nso ɔyɛ Kalebni.


Na Abigail yɛɛ ntɛm sɔre tenaa afurum so, ne mmaawa baanum a wɔnenam ne nan ase, na odii Dawid abɔfo no akyi kɔyɛɛ ne yere.


Na Dawid ne ne mmarima no kɔe kotuaa Gesurfo ne Gersifo ne Amalekfo; na wɔn na wɔtete asase no so fi teteete, de kodu Sur a ɛde kɔ Misraim asase so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan