Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 3:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na akodi daa Saul fi ne Dawid fi ntam kyɛe. Na Dawid de, ɔkɔɔ so yɛɛ den ara, na Saul fi de, wɔkɔɔ so gurowee ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na akodie daa Saulo fie ne Dawid fie ntam kyɛreeɛ. Na Dawid deɛ, ɔkɔɔ so yɛɛ den ara, nanso Saulo fie deɛ, wɔkɔɔ so hodwoe ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔko a ɛbɛtɔɔ wɔn a wɔwɔ Saulo afa ne wɔn a wɔwɔ Dawid afa no kyɛe yiye, na ne mfiase ni. Bere a Dawid adedi renya ahoɔden no na Saulo adedi no resɛe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na akodie daa Saulo fie ne Dawid fie ntam kyɛreeɛ. Na Dawid deɛ, ɔkɔɔ so yɛɛ den ara, nanso Saulo fie deɛ, wɔkɔɔ so hodwoe ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔko a ɛbɛtɔɔ wɔn a wɔwɔ Saulo afa ne wɔn a wɔwɔ Dawid afa no kyɛree yie, na ne ahyɛaseɛ nie. Ɛberɛ a Dawid adedie renya ahoɔden no, na Saulo adedie no resɛe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na akodi daa Saul fi ne Dawid fi ntam kyɛe. Na Dawid de, ɔkɔɔ so yɛɛ den ara, na Saul fi de, wɔkɔɔ so gurowee ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 3:1
26 Iomraidhean Croise  

Na dɔmdi daa Rehoboam ne Yeroboam ntam daa.


Na sɛ mpo wo mfiase ade yɛ ketewa a, w’awiei bɛso kokuroo.


Na ɔko no mu yɛɛ den sɛ biribi da no, na Abner ne Israel mmarima no dii nkogu Dawid nkoa no anim.


efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom no.


Wɔnantew fi ahoɔden mu kɔ ahoɔden mu bepue Onyankopɔn anim, Sion.


Nanso ɔtreneeni bekura ne kwan mu, na nea ne nsa ho tew no bɛkɔ so anya ahoɔden.


Na ɔhonam kɔn dɔ tia honhom, na honhom tia ɔhonam, na nneɛma abien yi nhyia, na esiw mo nea mopɛ sɛ moyɛ ho kwan.


Na Haman kaa nea ato no nyinaa kyerɛɛ ne yere Seres ne n’adɔfo no nyinaa; na n’anyansafo ne ne yere Seres ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Mordekai a woafi ase rehwe ase n’anim yi fi Yudafo asefo mu a, worentumi no, na mmom ase na wobɛhwe n’anim.


Na akodi daa Asa ne Israel hene Baasa ntam wɔn nna nyinaa.


Na dɔmdi daa Asa ne Israel hene Basa ntam wɔn nna nyinaa.


Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w'asefo ne n'asefo ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.


Na mihui na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no kura tadua. Na wɔmaa no abotiri, na ofii adi a ɔredi nkunim na wakodi nkunim.


Ɛnna Yoab hyɛn torobɛnto, na ɔman no nyinaa gyinae, na wɔantaa Israel bio, nanso wɔankɔ so anko bio.


Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛse ara na AWURADE, asafo Nyankopɔn, dii n’akyi.


Wuyii me fii m’amanko mu, woahwɛ me sɛ meyɛ amanaman ti. Ɔman a minnim wɔn na ɛsom me.


Na Dawid de kɛseyɛ ara, na asafo AWURADE dii n’akyi.


Na Mordekai yɛ onipa kɛse ɔhene no fi, na ne nka hyetaa nsase no nyinaa so, na ɔbarima Mordekai no kɔɔ so yɛɛ kɛse ara.


Wuyii me ne nnipa m’aperedi mu, wode me sii amanaman so ti; ɔman a minnim wɔn na ɛsom me.


Ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew nteaseɛnam.


Na bere a akodi da Saul fi ne Dawid fi ntam no, Abner kɔɔ so yɛɛ den Saul fi mu ara.


Na eyinom ne Dawid mma a wɔwoo wɔn maa no Hebron: N’abakan Amnon ne Yesreelni Ahinoam ba. Nea otia abien ne: Daniel a ɔyɛ Karmelni Abigail de.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan