Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 24:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma AWURADE wo Nyankopɔn nka ɔman no sɛnea wɔte yi ho mpɛn ha, na me wura ɔhene aniwa nhu, na ɛdɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ wodi saa asɛm yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma AWURADE wo Nyankopɔn nka ɔman no sɛdeɛ wɔteɛ yi ho mprɛha, na me wura ɔhene ani nhunu, na adɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ wɔdi saa asɛm yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na Yoab buaa ɔhene no se, “Awurade mma wo ntena ase kosi sɛ nnipa a wɔwɔ wʼahenni yi mu ase bɛterɛw mmɔho ɔha. Na adɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ eyi?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma AWURADE wo Nyankopɔn nka ɔman no sɛdeɛ wɔteɛ yi ho mprɛha, na me wura ɔhene ani nhunu, na adɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ wɔdi saa asɛm yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na Yoab buaa ɔhene no sɛ, “Awurade mma wo ntena ase kɔsi sɛ nnipa a wɔwɔ wʼahennie yi mu ase bɛtrɛ mmɔho ɔha. Na adɛn enti na wopɛ sɛ woyɛ yei?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma AWURADE wo Nyankopɔn nka ɔman no sɛnea wɔte yi ho mpɛn ha, na me wura ɔhene aniwa nhu, na ɛdɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ wodi saa asɛm yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 24:3
7 Iomraidhean Croise  

Hyɛ wo ho den na ma yɛnhyɛ yɛn ho den mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkurow. Na AWURADE nyɛ nea eye n’ani so.


Nanso ɔhene asɛm no yɛɛ Yoab ne dɔm no mu asafohene no so den. Na Yoab ne dɔm no mu asafohene no fii ɔhene anim fii adi, sɛ wɔrekɔkan Israel man no.


AWURADE bɛma mo adɔɔso, mo ne mo mma.


Ɔman dodowyɛ mu na ɔhene anuonyam wɔ, na nkurɔfo sa a, ɛma otitiriw sɛe.


Ɛno na wubehu, na w’anim atew, wo koma de ahosɛpɛw bedi ahurusi, efisɛ ɛpo ahonyade dodow redan abɛyɛ wo de, amanaman ahode reba wo nkyɛn.


AWURADE mo agyanom Nyankopɔn mfa sɛ mote yi mmɔho apem nka mo ho, na onhyira mo sɛnea ɔka kyerɛɛ mo no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan