Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 22:3 - KYERƐW KRONKRON

3 me botantim Nyankopɔn a miguan metoa no; me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’abantenten ne me guankɔbea, m’agyenkwa a wugyee me fii akakabensɛm mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 me botantim Nyankopɔn a medwane mekɔtoa no. Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten ne me dwanekɔbea, m’agyenkwa a wogyee me firii akakabensɛm mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 me Nyankopɔn yɛ me botan; ne mu na minya guankɔbea. Ɔyɛ me kyɛm, me nkwagye mu ahoɔden, mʼabandennen, mʼagyenkwa, nea ogye me fi basabasayɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 me botantim Nyankopɔn a medwane mekɔtoa no. Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten ne me dwanekɔbea, m’agyenkwa a wogyee me firii akakabensɛm mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 me Onyankopɔn yɛ me botan; ne mu na menya banbɔ. Ɔyɛ me kyɛm, me nkwagyeɛ mu ahoɔden ne me banbɔeɛ, mʼabantenten, mʼagyenkwa, deɛ ɔgye me firi basabasayɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 me botantim Nyankopɔn a miguan metoa no; me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’abantenten ne me guankɔbea, m’agyenkwa a wugyee me fii akakabensɛm mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 22:3
52 Iomraidhean Croise  

Nsɛm yi akyi no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w'akatua bɛdɔɔso pii.


Onyankopɔn de, ne kwan yɛ pɛ, AWURADE asɛm mu tew, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so nyinaa.


AWURADE te ase, na nhyira ne me botantim no. Na me nkwagye botan Nyankopɔn no, wɔmma no so.


na oyii me fii m’atamfo nsam, na womaa me so fii wɔn a wɔsɔre hyɛɛ me no mu; wugyee me fii onuɔdenfo nsam.


sɛ wone nea ɔma ne hene nkwagye so, na ɔyɛ nea wasra no no adɔe, Dawid ne n’asefo daa.


Israel Nyankopɔn akasa, me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me. Nea odi nnipa so a ɔteɛ, nea odi so Onyankopɔn suro mu.


Mobɛhwete ahiafo atirimpɔw mu ara de, nanso AWURADE ne wɔn guankɔbea.


O! Awurade, yi me fi nnipa bɔne nsam, bɔ me ho ban, onipa kokobirifo ho.


Mma ɔtɛkrɛmafo nntim asase so, ɔkokobirifo, ma bɔne ntiw no yerɛdɛdɛ.


O! Awurade, hwɛ me so fi ɔbɔnefo nsam, bɔ me ho ban, onipa kokobirifo ho, na wɔabɔ wɔn tirim pɔw sɛ wobebutuw m’anammɔn.


Mehwɛ nifa, na hwɛ, obi nni hɔ a n’ani ku me ho, guankɔbea abɔ me, obi nhwɛ me kra kyea.


M’adɔe ne m’abankɛse, m’abantenten ne me gyefo, me kyɛm ne nea miguan metoa no a ɔbrɛ me man ase hyɛ m’ase.


AWURADE ne me botan ne m’abankɛse ne me gyefo, me Nyankopɔn ne me botantim a meguan kɔtoa no, me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’aban dennen.


Na ɔkora me ne sese mu hiada, ɔde me hintaw ne ntamadan ahintawee, ɔma me so gyina ɔbotan so.


AWURADE ne m’ahoɔden ne me kyɛm. Mede me koma mato no so, na waboa me, enti me koma ho asan no, na mede me dwom meda no ase.


Na wo, AWURADE, wone me ho kyɛm, m’anuonyam ne me werɛkyekyefo.


Wone me hintabea, wobɛbɔ me ho ban, na me ho anhia me, na wode nkwagye nnwom atwa me ho ahyia.


Onyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafo pa a wɔanya no nhui.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛse. Sela


Enti kansesɛ asase ani dan butuw, na mmepɔw tutu gu po bun mu,


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛse. Sela


Na wo, AWURADE, wuhyira ɔtreneeni, wode anisɔ twa ne ho hyia sɛ ɔkyɛm.


AWURADE, yɛ wɔn basabasa, paapae wɔn tɛkrɛma mu, na mahu amimdi ne atutuw, kurow no mu.


Na me de, mɛto w’ahoɔden ho dwom, na mato w’adɔe ho ahurusi dwom anɔpa, sɛ woayɛ me abankɛse ne me hiada mu guankɔbea.


Na wo na woayɛ me guankɔbea, abantenten a ɛyɛ den, ɔtamfo anim.


Mayɛ nnipa bebree ani so anwonwade, na wone me guankɔbea a ɛyɛ den.


Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim.


Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma ɔdom ne anuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.


Yɛn kyɛm, Onyankopɔn, hwɛ, na hwɛ nea woasra no no anim.


Onyankopɔn, ahantanfo asɔre ahyɛ me, na atirimmɔdenfo asafo rehwehwɛ me kra, na wɔamfa wo ansi wɔn ani so.


Na wɔn a wonim wo din de wɔn ho bɛto wo so, efisɛ woannyaw wɔn a wɔhwehwɛ wo, AWURADE.


AWURADE bɛyɛ guankɔbea ama nea wɔrepɛtɛw no, ahokyere bere mu guankɔbea.


M'ahoɔden ne me dwonto ne AWURADE, na wayɛ me nkwagye. Ɔno ne me Nyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ m'agya Nyankopɔn, na mɛma no so.


Abannennen ne AWURADE din, ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no.


Onyankopɔn asɛm nyinaa ho tew, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so.


Hwɛ, me nkwagye Nyankopɔn ni. Metweri no, na minsuro, na m’ahoɔden ne me dwom ne AWURADE Nyankopɔn ne m'ahoɔdenne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagye.


Na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.


Monkasa, monka mo asɛm: Ma wɔmmom ntu agyina. Hena na ɔma wɔtee eyi fi teteete na ɔkae fi tete bemee? So ɛnyɛ me, AWURADE? Na Onyankopɔn bi nni hɔ gye me nko, Onyankopɔn a ɔteɛ na ogye nkwa; obi nni baabi gye me nko.


O AWURADE, m’ahoɔden ne m’aban dennen ne me guankɔbea ahohia da mu, wo nkyɛn na amanaman befi asase anoano aba abɛka sɛ: Atoro nko ne yɛn agyanom awunnyade no, ahuhude a mfaso nni mu.


Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn no, se ni: Hwɛ, merema ahosɛpɛw nne ne anigye nne, ayeforokunu nne ne ayeforo nne to atwa ɛha yi, mo aniwa mu ne mo bere yi so.


na m’agyenkwa Onyankopɔn ho na me honhom ho asan no;


na wama nkwagye abɛn so ama yɛn, n’akoa Dawid fi,


sɛ wonnye yɛn mfi yɛn atamfo ne wɔn a wokyi yɛn nyinaa nsam;


Na ɔbɛka sɛ: Ɛhe na wɔn anyame no wɔ, ɔbotan a wɔde wɔn ho too so no?


Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.


Nhyira ne wo, Israel, hena na ɔte sɛ wo, ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagye! Ɔyɛ wo boa kyɛm, na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrante. W’atamfo bɛbrɛ wɔn ho ase ama wo, na wo de, wubetiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so.


Na yɛn Agyenkwa Onyankopɔn adɔeyɛ ne ne dɔ yii ne ho adi no,


Ɛno na ɔnam yɛn Agyenkwa Yesu Kristo so hwie guu yɛn so pii,


Na bio: Mede me ho bɛto no so. Na bio nso: Hwɛ me ne mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no ni.


Ɛnna Hana bɔɔ mpae sɛ: Me koma di AWURADE mu ahurusi, AWURADE mu na wɔama m’abɛn so; m’anom atrɛw m’atamfo so, efisɛ m’ani gye wo nkwagye mu.


Obiara nyɛ kronkron sɛ AWURADE, na obiara nni w’akyi, na ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan