Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 2:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna Yuda mmarima bae bɛsraa Dawid sii Yuda fi so hene wɔ hɔ. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Yabes-gileadfo na wosiee Saul.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɛnna Yuda mmarima ba bɛsraa Dawid ngo sii no Yuda fie so hene wɔ hɔ. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Yabes-gileadfoɔ na wɔsiee Saulo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Afei, Yuda ntuanofo kɔɔ Hebron, kɔsraa Dawid ngo sii no hene wɔ Yuda abusuakuw so. Na bere a Dawid tee sɛ Yabes Gilead mmarima asie Saulo no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛnna Yuda mmarima ba bɛsraa Dawid ngo sii no Yuda fie so hene wɔ hɔ. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Yabes-gileadfoɔ na wɔsiee Saulo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Afei, Yuda ntuanofoɔ kɔɔ Hebron, kɔsraa Dawid ngo sii no ɔhene wɔ Yuda abusuakuo so. Na ɛberɛ a Dawid tee sɛ Yabes Gilead mmarima asie Saulo no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna Yuda mmarima bae bɛsraa Dawid sii Yuda fi so hene wɔ hɔ. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Yabes-gileadfo na wosiee Saul.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 2:4
16 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene Dawid tee nea Israel nyinaa aka no, ɔsoma kɔɔ asɔfo Sadok ne Abiatar nkyɛn sɛ: Monkɔka nkyerɛ Yuda mpanyimfo sɛ: Ɛdɛn nti na motwentwɛn sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asan akɔ ne fi mmere a ɔman no nsɛm nyinaa adu m’asom yi?


Ɛnna Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima sɛ: Efisɛ ɔhene yɛ yɛn busuani. Na ɛdɛn nti na asɛm yi nti mo bo huru yi? So yɛadi ɔhene ho biribi anaasɛ wakyɛ yɛn biribi?


Na nna a Dawid dii Yuda fi so hene Hebron no ano si mfirihyia ason ne asram asia.


Na afei monhyɛ mo abasam den, na monyɛ mo ho mmarima na mo wura Saul awu, nanso Yuda fi asra me asi wɔn so hene.


Na wɔbɛkaa nea Aia ba Rispa, Saul yefam no, yɛe no kyerɛɛ Dawid.


Na Dawid kɔe kogyee Saul nnompe ne ne ba Yonatan nnompe Yabes-gileadfo nsam, na wɔn na wokowiae Bet-san abɔnten so, nea Filistifo de sensɛnee da a Filistifo kum Saul wɔ Gilboa no.


Na Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid de no asi Israel so hene no, Filistifo nyinaa foro bae sɛ wɔbɛhwehwɛ Dawid. Na Dawid tee no, osian kɔɔ aban no mu.


Na Israel mpanyin nyinaa baa ɔhene nkyɛn Hebron, na ɔhene Dawid ne wɔn pamee Hebron, AWURADE anim, na wɔsraa Dawid de no sii Israel so hene.


Odii Yuda so hene Hebron mfe ason ne asram asia, na odii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfe aduasa abiɛsa Yerusalem.


Na oyii ɔhene ba no fii adi, na ɔde ahemmotiri no bɔɔ ne ti, na ɔde adanse no hyɛɛ ne nsa, na wosii no hene, na wɔsraa no, na wɔbobɔɔ wɔn nsam sɛ: Ɔhene tiri nkwa!


Na Yabes-gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saul nyinaa no,


Na Israel mpanyin nyinaa baa ɔhene no nkyɛn Hebron, na Dawid ne wɔn pamee AWURADE anim Hebron, na wɔsraa Dawid ngo sii no Israel so hene, sɛnea AWURADE nam Samuel so kae no.


Na wɔn a wɔamia ama akodi a wɔbaa Dawid nkyɛn Hebron, sɛ wɔrebɛdan Saul ahenni ama no sɛ AWURADE asɛm se no dodow ni:


Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so fi da no ara de rekɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan