Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 2:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na eyi akyi no Dawid bisaa AWURADE sɛ: So memforo menkɔ Yuda nkurow bi mu anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ! Na Dawid kae sɛ: Ɛhe na memforo menkɔ? Na ose: Hebron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na yei akyiri no Dawid bisaa AWURADE sɛ: Memforo nkɔ Yuda nkuro bi mu anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ! Na Dawid kaa sɛ: Ɛhe na memforo nkɔ? Na ɔse: Hebron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mmere no ara mu, Dawid bisaa Awurade se, “Mensan nkɔ Yuda ana?” Awurade buaa no se, “Kɔ.” Dawid bisaa no se, “Kurow bɛn na menkɔ so?” Awurade buaa no se, “Hebron.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na yei akyiri no Dawid bisaa AWURADE sɛ: Memforo nkɔ Yuda nkuro bi mu anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ! Na Dawid kaa sɛ: Ɛhe na memforo nkɔ? Na ɔse: Hebron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mmerɛ no ara mu, Dawid bisaa Awurade sɛ, “Mensane nkɔ Yuda anaa?” Awurade buaa no sɛ, “Kɔ.” Dawid bisaa no sɛ, “Kuro bɛn na menkɔ so?” Awurade buaa no sɛ, “Hebron.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na eyi akyi no Dawid bisaa AWURADE sɛ: So memforo menkɔ Yuda nkurow bi mu anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ! Na Dawid kae sɛ: Ɛhe na memforo menkɔ? Na ose: Hebron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 2:1
26 Iomraidhean Croise  

Na Abram tutuu ne ntamadan, na ɔbɛtenaa Mamre pɔw a ɛwɔ Hebron no ho, na osii afɔremuka maa AWURADE wɔ hɔ.


Na Yakob huu wɔn no, ɔkae sɛ: Onyankopɔn asafo ni. Na ɔtoo hɔ din: Mahanaim.


Na mfirihyia anan twaa mu no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mesrɛ wo, ma menkɔ menkɔma m’aboade a mede mehyɛɛ AWURADE bɔ wɔ Hebron.


Na nna a Dawid dii Yuda fi so hene Hebron no ano si mfirihyia ason ne asram asia.


Na Dawid bisaa AWURADE sɛ. Menkɔ Filistifo no so anaa? So wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ na mede Filistifo no mɛhyɛ wo nsa ampa.


Na Dawid bisaa AWURADE no, ɔkae sɛ: Nkɔ! Dan wo ho kosi wɔn akyi na fa baka nnua no ntentenso bra wɔn so.


Na nna a Dawid de dii Israel so hene si mfirihyia aduanan. Odii hene mfe ason Hebron, na odii hene mfe aduasa abiɛsa Yerusalem.


wɔmaa Onyankopɔn fi som no ho sika dwetikɛse mpemnum ne sika darik ɔpedu ne dwetɛ dwetikɛse ɔpedu ne kɔbere dwetikɛse ɔpedunwɔtwe ne dade dwetikɛse ɔpeha.


ne Sora ne Ayalon ne Hebron a ɛyɛ Yuda ne Benyamin mu nkurow a ɛyɛ den no.


Ma mente w’adɔe anɔpa, na wo so na mede me ho meto. Ma minhu ɔkwan a memfa so, na wo na mema me kra so mekyerɛ wo.


Ade biako na masrɛ AWURADE, ɛno na mɛhwehwɛ akyi kwan, sɛ me nna a midi nyinaa mɛtena AWURADE fi, na mahwɛ AWURADE animtew, na madwen me tirim, n’asɔrefi.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Eyi bio na Israel fi bebisa me hɔ na mɛyɛ mama wɔn, mɛma wɔadɔɔso ayɛ nnipa pii, sɛ nguankuw;


Na wɔforo faa nifa fam, na woduu Hebron, nea Anak mma Ahiman, Sesai ne Talmai wɔ. (Na Hebron no, wɔkyekyeree no mfe ason ansa na wɔkyekyere Soan a ɛwɔ Misraim).


Na onkogyina Ɔsɔfo Eleasar anim, na ommisa Urim atemmu mma no, AWURADE anim; ɔno na ɔka a, womfi adi, na ɔka a, wɔmmra mu, ɔno ne Israelfo a wɔka ne ho nyinaa, ne asafo mu no nyinaa.


Na Yefune ba Kaleb de, ɔmaa no kyɛfa, Yudafo mu, sɛnea AWURADE hyɛɛ Yosua no: Anak n’agya Arba kurow a ɛne Hebron.


Na Yosua wu akyi no, Israelfo bisaa Awurade sɛ: Yɛn mu hena na onni kan ne Kanaanfo nkɔko?


Na wokobisaa AWURADE bio sɛ: So onipa no baa ha anaa? Na AWURADE se: Hwɛ, wakohintaw nneɛma no mu.


Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: So menkɔ minkokum Filistifo yi? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ na kokum Filistifo no, na gye Keila.


Na Dawid kɔɔ so bisaa AWURADE bio. Na AWURADE buaa no sɛ: Sɔre sian kɔ Keila, na me na mede Filistifo no merehyɛ wo nsa.


ne wɔn a wɔwɔ Hebron, ne mmeaemmeae a Dawid ne ne nnipa akyinkyin nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan