Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 13:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wo ɔhene ba mu wofɔn sɛɛ daa anɔpa yi? So worenka nkyerɛ me? Na Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: Mepɛ me nua Absalom nuabea Tamar.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo ɔhene ba mua wofɔn sei daa anɔpa yi? Worenka nkyerɛ me? Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: Mepɛ me nua Absalom nuabaa Tamar.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Da koro bi, Yonadab bisaa Amnon se, “Asɛm bɛn na aba? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔhene babarima yɛ bosaa anɔpa biara saa?” Na Amnon buaa no se, “Medɔ Tamar, Absalom nuabea no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo ɔhene ba mua wofɔn sei daa anɔpa yi? Worenka nkyerɛ me? Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: Mepɛ me nua Absalom nuabaa Tamar.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛda koro bi, Yonadab bisaa Amnon sɛ, “Asɛm bɛn na aba? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔhene babarima yɛ bosaa anɔpa biara saa?” Na Amnon buaa no sɛ, “Medɔ Tamar, Absalom nuabaa no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wo ɔhene ba mu wofɔn sɛɛ daa anɔpa yi? So worenka nkyerɛ me? Na Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: Mepɛ me nua Absalom nuabea Tamar.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 13:4
11 Iomraidhean Croise  

Na Amnon wɔ adamfo bi a wɔfrɛ no Yonadab, Dawid ne nua Simea ba. Na Yonadab yɛ onitefo sɛ.


Na Yonadab ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔda wo nnae so na twa mpayare; na sɛ w’agya bɛhwɛ wo a, ka kyerɛ no sɛ: Ma me nua Tamar mmra mmɛma me aduan, nanso ɔnyɛ aduan no m’anim, na minhu, na minni ne nsam.


Na ne yere Yesebel baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn na wo honhom abotow sɛɛ na wunnidi yi?


Ɛnna ne yere Yesebel ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wudi Israel so hene? Sɔre didi, na ma wo bo ntɔ wo yam na mede Yesreelni Nabot bobeturo no mɛma wo.


Wɔn anim su di wɔn adanse, na wɔka wɔn bɔne sɛ Sodomfo, wonsiw so. Wonnue! Na wɔde bɔne yɛ wɔn ho.


So wɔn ani wuu akyide a wɔyɛe no ho? Daabi, wɔn ani anwu koraa, na wɔn anim nso ansiam. Ne saa nti wɔbɛtotɔ atɔfo mu; bere a mɛba mabɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase, AWURADE na ose.


Wo nuabea a ɔyɛ w'agya ba anaa wo na ba no, wɔwoo no ofie oo, wɔwoo no baabi oo, nyi wɔn adagyaw so.


Na ɔbarima a ɔfa ne nuabea a ɔyɛ n'agya ɔba anaa ne na ɔba na ohu n'adagyaw na ɔbea no nso hu n'adagyaw no, ɛyɛ animguasede, na wontwitwa wɔn ngu, wɔn man mma anim; wayi ne nuabea adagyaw so; ɔnsoa ne mmusu.


Wɔn nsa nim bɔneyɛ yiye; ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufo pɛ kɛtɛasehyɛ, na onipa kɛse ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm, na wɔbom susuw bɔne.


Kuw ketewa, munnsuro! Efisɛ ɛyɛ mo Agya no fɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan