Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 13:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Amnon wɔ adamfo bi a wɔfrɛ no Yonadab, Dawid ne nua Simea ba. Na Yonadab yɛ onitefo sɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Amnon wɔ adamfo bi a wɔfrɛ no Yonadab, Dawid nua Simea ba. Na Yonadab yɛ onitefoɔ yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na Amnon wɔ adamfo onifirifo bi a wɔfrɛ no Yonadab. Na ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Amnon wɔ adamfo bi a wɔfrɛ no Yonadab, Dawid nua Simea ba. Na Yonadab yɛ onitefoɔ yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na Amnon wɔ adamfo oniferefoɔ bi a wɔfrɛ no Yonadab. Na ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Amnon wɔ adamfo bi a wɔfrɛ no Yonadab, Dawid ne nua Simea ba. Na Yonadab yɛ onitefo sɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 13:3
21 Iomraidhean Croise  

Na ɔwɔ yɛ anifere kyɛn wuram mmoadoma a AWURADE Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na obisaa ɔbea no sɛ: Ampa sɛ Nyankopɔn aka sɛ Munnni turom ha nnua nyinaa bi?


Na ɛbae sɛ, bere no ara mu, Yuda fii ne nuanom nkyɛn kɔe, na ɔkɔtenaa Adulamni bi a wɔfrɛ no Hira nkyɛn.


Na Yuda de aberekyi ba no maa n'adamfo Adulamni no sɛ ɔmfa nkogye n'awowade no wɔ ɔbea no nsam mmrɛ no, nanso wanhu no.


Na Amnon ne nuabea Tamar nti ne ho hiaa no ma ɔyaree, na ɔyɛ ɔbaabun na ɛyɛɛ Amnon den sɛ ɔbɛyɛ no biribi.


Na Dawid ne nua Simea ba Yonadab buae sɛ. Mma me wura nnnwen sɛ wɔakum ɔhene mma mmerante no nyinaa na Amnon nko na wawu, na ɛwɔ Absalom anom ara fi da no a ɔhyɛɛ ne nua Tamar ne no dae no.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wo ɔhene ba mu wofɔn sɛɛ daa anɔpa yi? So worenka nkyerɛ me? Na Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: Mepɛ me nua Absalom nuabea Tamar.


Na Yoab soma kɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbea nyansafo bi fi hɔ bae na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dan wo ho oyiyɛfo, na hyɛ ayiyɛ ntade nanso nsra ngo, na yɛ sɛ ɔbea a ofi gyam owufo akyɛ.


Na ɔretwitwa Israel mpoa no, Dawid ne nua Simea ba Yonatan kum no.


Na Yese woo n’abakan Eliab ne Abinadab na otia abien ne Sima a ɔto so abiɛsa,


Na Dawid wɔfa Yonatan ne ɔfotufo, ɔyɛ ɔbarima nhumufo, na ɔyɛ ɔkyerɛwfo nso. Ɔno ne Hakmoni ba Yehiel na wɔtetew ahene mma no.


Nanso Haman siw ne ho so, na osiim kɔɔ ne fi. Na ɔsoma kɔfrɛfrɛɛ n’adɔfo ne ne yere Seres bae.


Ɛnna ne yere Seres ne n’adɔfo no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma wɔnyɛ dua a ne tenten si basafa aduonum anum, na ɔkyena anɔpa ka kyerɛ ɔhene, na wɔnsɛn Mordekai wɔ so, na wo ne ɔhene nkɔ ɔpon no ho anigye mu. Na asɛm no sɔɔ Haman ani, na ɔma wɔyɛɛ dua no.


Na Haman kaa nea ato no nyinaa kyerɛɛ ne yere Seres ne n’adɔfo no nyinaa; na n’anyansafo ne ne yere Seres ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Mordekai a woafi ase rehwe ase n’anim yi fi Yudafo asefo mu a, worentumi no, na mmom ase na wobɛhwe n’anim.


Nnipa pii dɛfɛdɛfɛ ɔdɛɛfo, na nnipa nyinaa yɛ ɔyamyefo nnamfo.


Efisɛ me man agyimi, wonnim me; wɔyɛ mma nkwasea, na wonni nhumu. Wɔyɛ bɔne ho anyansafo, na papayɛ de, wonnim.


Na wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm Onyankopɔn anim; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Ɔkyere anyansafo wɔn anifere mu.


Saa nyansa yi mfi soro, na mmom ɛyɛ fam ne ɔkra ne ahonhommɔne de.


Na wɔde Samson yere no maa ne yɔnko a odii akyi wɔ aware no mu no.


Na Samuel ka kyerɛɛ Yese sɛ: So mmerante no nyinaa ni? Na ose: Aka akumaa no, na hwɛ, ɔrehwɛ nguan. Na Samuel ka kyerɛɛ Yese sɛ: Soma ma wɔnkɔfa no mmra, na yɛrentena ase gye sɛ waba ansa.


Na Yese maa Sama twaa mu. Na ose: Oyi nso, AWURADE mfaa no ɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan