Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 1:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na da a ɛto so abiɛsa no, hwɛ, ɔbarima bi fi Saul nsra no mu bae, na n’atade asunsuan, na dɔte gu n’atifi; na oduu Dawid nkyɛn no, ɔhwee fam kotow no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ne nnansa soɔ no, hwɛ, ɔbarima bi firi nsra no mu wɔ Saulo nkyɛn bae, na n’atadeɛ asunsuane, na dɔteɛ gu n’atifi. Na ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase maa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ne nnansa so no, ɔbarima bi fi Saulo nsraban mu a watetew ne ntade mu, atu mfutuma agu ne ti mu, de rekyerɛ sɛ ɔretwa adwo bae. Oduu Dawid nkyɛn no, ɔdan ne ho hwee fam nidi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ne nnansa soɔ no, hwɛ, ɔbarima bi firi nsra no mu wɔ Saulo nkyɛn bae, na n’atadeɛ asunsuane, na dɔteɛ gu n’atifi. Na ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase maa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ne nnansa so no, ɔbarima bi firi Saulo sraban mu a watete ne ntadeɛ mu, atu mfuturo agu ne tiri mu, de rekyerɛ sɛ ɔretwa adwo baeɛ. Ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔdanee ne ho hwee fam anidie mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na da a ɛto so abiɛsa no, hwɛ, ɔbarima bi fi Saul nsra no mu bae, na n’atade asunsuan, na dɔte gu n’atifi; na oduu Dawid nkyɛn no, ɔhwee fam kotow no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 1:2
25 Iomraidhean Croise  

Na da a ɛto so abiɛsa no, Abraham maa n'ani so, na ohuu beae hɔ wɔ akyirikyiri.


Na Ruben san baa abura no so, na hwɛ, Yosef nni abura no mu. Na osunsuanee ne ntade mu,


Ɛnna Yakob sunsuanee ne ntade mu, na ɔde ayitoma bɔɔ n'asen, na osuu ne ba no kyɛe.


Na wose: W'akoa, yɛn agya no ho ye, na ɔda so te ase. Na wɔbobɔɔ wɔn mu ase kotow no.


Na Dawid bisaa no sɛ: Ɛhe na wufi reba yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Israel nsram na mifi miguanee yi.


Ɛnna Tamar sesaw nso guu n’atifi na osunsuanee n’atade nworannworan a ɛhyɛ no no mu na ɔde ne nsa soaa ne ti de benabɔ ara kɔe.


Na Tekoani bea no rekɔka akyerɛ ɔhene no, ɔde n’anim hwee fam kotow no kae sɛ: Ɔhene, boa!


Na Dawid duu atifi nea wɔsɔre Onyankopɔn no, hwɛ, Arkini Husai behyiaa no, wasunsuane n’atade mu na ɔde dɔte agu n’atifi.


Na Arauna hwɛe no, ohuu ɔhene ne ne nkoa sɛ wɔreba ne nkyɛn. Na Arauna fii adi kɔkotow ɔhene de n’anim butuw fam.


nea ɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, Saul awu na ɛyɛɛ n’ani so sɛ asɛmpa na ɔde brɛɛ me no, mekyeree no mikum no Siklag, mede mituaa no n’asɛm no so ka,


Kohyia Yudafo a wohu wɔn Susan nyinaa boa ano, na me nti munni mmuada, na munnnidi na monnnom nnansa awia ne anadwo. Me nso, me ne me mmaawa bedi mmuada saa ara, na mede saa makɔ ɔhene nkyɛn a ɛnnam mmara so; na sɛ miwu a, na mawu.


Na da a ɛto so abiɛsa no, Ester hyɛɛ ɔhemmea atade, na okogyinaa ahemfi emu fam abangua so, ɔhene dan no ntentenso. Na ɔhene no te n’ahengua so ahemfi, ofi no pon ano ntentenso.


Munse Onyankopɔn sɛ: Wo nnwuma yɛ hu ampa. Wo tumi kɛse nti w’atamfo bɛkotow wo.


na wo so na wɔmoma wɔn nne so, na wɔteɛm yawyaw de dɔte gugu wɔn atifi yantayantam nso mu,


Nnanu akyi no, ɔbɛkanyan yɛn, da a ɛto so abiɛsa no, ɔbɛma yɛasɔre na yɛanya n’anim nkwa.


Munsunsuane mo koma, na ɛnyɛ mo ntade mu, na monsan mmra AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn, na ɔyɛ ɔdomfo ne mmɔborohunufo, ne bo kyɛ fuw, na n’adɔe so, na ɔsakra n’adwene adebɔne ho.


Na sɛnea Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na Onipa Ba no bedi asase ase nnansa awia ne anadwo.


Na efi saa bere no na Yesu Kristo fii ase kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem kohu amane pii mpanyimfo ne asɔfo mpanyimfo ne Kyerɛwfo no nsam, na wɔakum no, na da ɛto so abiɛsa no wanyan.


Na Yosua sunsuanee ne ntade mu, na ɔde n’anim butuw fam, AWURADE adaka no anim de kosii anwummere, ɔno ne Israel mpanyimfo, na wɔde dɔte guguu wɔn atifi.


Hwɛ, mede ebinom a wofi Satan hyiadan mu a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafo na wɔnyɛ, na mmom wodi atoro no mema. Hwɛ, mɛma wɔaba na wɔabɛkotow wo nan ase, na wɔahu sɛ madɔ wo.


Abofra no kɔe; na Dawid sɔre fii abokuw no ho, na ɔde n’anim bebutuw fam na ɔkotowee mprɛnsa, na wofefew wɔn ho ano, na wɔn baanu sui ara maa Dawid de boroo so.


Na Abigail huu Dawid no, ɔyɛɛ ntɛm fii n’afurum so sii fam, na ɔde n’anim butuw Dawid anim, na ɔbɔɔ ne mu ase kɔɔ fam,


Na Benyaminni bi fi mpasua no so tutuu mmirika baa Silo da no ara, na n’atade asunsuane, na dɔte gu n’atifi.


Na ɔbarima no ka kyerɛɛ Eli sɛ: Mene nea ofi mpasua so mebae no. Ɛnnɛ na mifi mpasua no so miguanee. Na ose: Asɛm no te dɛn, me ba?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan